Luka
23 Enti nnipadɔm no nyinaa sɔree, na wɔde no kɔmaa Pilato.+ 2 Afei wofii ase bɔɔ no sobo+ sɛ: “Yɛakyere ɔbarima yi sɛ otutu yɛn man ase+ na ɔbara sɛ wonntua tow+ mmma Kaesare na ɔka sɛ ɔno ne ɔhene Kristo.”+ 3 Afei Pilato bisaa no sɛ: “Wone Yudafo hene no anaa?” Na obuaa no kae sɛ: “W’ankasa na woreka.”+ 4 Ɛnna Pilato ka kyerɛɛ asɔfo mpanyin no ne nnipakuw no sɛ: “Minhu bɔne biara wɔ ɔbarima yi ho.”+ 5 Nanso wɔkaa no denneennen sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛ wɔ Yudea nyinaa de hwanyan nnipa no, ofii ase mpo fii Galilea na ɔde abedu ha.” 6 Bere a Pilato tee saa no, obisae sɛ ɔbarima no yɛ Galileani a, 7 na ohui sɛ ɔhyɛ Herode tumi ase+ no, ɔma wɔde no kɔmaa Herode a nna no mu na ɔno ankasa wɔ Yerusalem no.
8 Bere a Herode huu Yesu no n’ani gyei yiye, efisɛ na ɔpɛe sɛ ohu+ no akyɛ esiane ne ho asɛm a wate+ nti, na na ɔpɛ sɛ ɔyɛ sɛnkyerɛnne bi ma ohu. 9 Afei ofii ase bisaa no nsɛm bebree; nanso wammua no.+ 10 Na asɔfo mpanyin no ne akyerɛwfo no kɔɔ so sɔre gyinae de abufuw bɔɔ no sobo.+ 11 Ɛnna Herode ne n’asraafo a wɔwɛn no no bɔɔ no adapaa,+ na wɔhyɛɛ no atade hyɛnhyɛn dii ne ho agoru,+ na wɔsan de no kɔmaa Pilato. 12 Afei Herode ne Pilato+ bɛyɛɛ nnamfo saa da no ara; kan no, na anka wɔyɛ atamfo.
13 Afei Pilato frɛɛ asɔfo mpanyin no ne sodifo no ne ɔmanfo no hyiaam 14 na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mode onipa yi brɛɛ me sɛ obi a ɔma nkurɔfo no tew atua, na hwɛ! mehwehwɛɛ n’asɛm mu mo anim nanso manhu nnyinaso+ biara wɔ nea mode bɔɔ onipa yi sobo no mu. 15 Nokwarem no, Herode nso anhu bi, na ɔsan de no brɛɛ yɛn; na hwɛ! ɔnyɛɛ biribiara a ɛsɛ owu.+ 16 Enti mɛtwe n’aso+ na magyaa no.” 17 —— 18 Na nnipadɔm no nyinaa teɛɛm kae sɛ: “Fa oyi kɔ,+ na gyaa Baraba ma yɛn!”+ 19 (Ná ɔyɛ ɔbarima a wɔde no ato afiase esiane amammɔesɛm bi a esii kurow no mu ne awudi nti.) 20 Pilato maa ne nne so ne wɔn kasae bio, efisɛ na ɔpɛ sɛ ogyaa Yesu.+ 21 Na wofii ase teɛteɛɛm sɛ: “Bɔ no asɛndua mu! Bɔ no asɛndua mu!”+ 22 Ɔka kyerɛɛ wɔn ne mprɛnsa so sɛ: “Adɛn, bɔne bɛn na onipa yi ayɛ? Minhu biribiara wɔ ne ho a ɛsɛ owu; enti mɛtwe n’aso na magyaa no.”+ 23 Afei wɔde nne kɛse kaa no denneennen sɛ ɔmmɔ no asɛndua mu; na wɔn nne bunkam ne de so.+ 24 Enti Pilato buu atɛn sɛnea wɔhwehwɛ;+ 25 oyii+ ɔbarima a amammɔesɛm ne awudi nti wɔde no ato afiase a wɔrehwehwɛ no no, na ɔde Yesu maa wɔn sɛnea wɔpɛ.+
26 Na wɔde no rekɔ no, wosoo Simon, Kireneni bi a ɔnam kwan so reba kurom hɔ mu, na wɔde asɛndua no soaa no dii Yesu akyi.+ 27 Ná dɔm kɛse bi a wofi ɔman no mu ne mmea a wɔde awerɛhow repempem wɔn koko na wɔrebɔ bena di n’akyi. 28 Yesu danee ne ho kyerɛɛ mmea no kae sɛ: “Yerusalem mmabea, munnsu me. Na mmom munsu mo ho ne mo mma;+ 29 efisɛ, hwɛ! nna bi reba a nkurɔfo bɛka sɛ, ‘Anigye ne abonin ne yafunu a anwo ne nufu a wɔannum ano!’+ 30 Ɛnna wobefi ase aka akyerɛ mmepɔw sɛ, ‘Mummegu yɛn so!’ ne nkoko sɛ, ‘monkata yɛn so!’+ 31 Efisɛ bere a dua no yɛ dumono no na wɔreyɛ eyi a, ɛnde sɛ ewu a dɛn na ebesi?”+
32 Ná wɔde mmarima baanu bi a wɔyɛ nnebɔneyɛfo nso aka ne ho a wɔrekokum wɔn.+ 33 Bere a woduu baabi a wɔfrɛ hɔ Tikora no,+ wɔbɔɔ ɔne nnebɔneyɛfo no asɛndua mu wɔ hɔ, obiako wɔ ne nifa na obiako wɔ ne benkum.+ 34 [[Na Yesu kae sɛ: “Agya fa firi+ wɔn efisɛ wonnim nea wɔreyɛ.”]] Bio nso, wɔbɔɔ ntonto kyɛɛ ne ntade.+ 35 Na nkurɔfo no gyina hwɛe.+ Na atumfoɔ no dii ne ho fɛw kae sɛ: “Ogyee afoforo; sɛ oyi ne Kristo a ofi Onyankopɔn, Nea Wɔapaw no no a,+ ma onnye+ ne ho.” 36 Asraafo no mpo dii ne ho agoru,+ na wɔbaa ne nkyɛn de nsa nyinyanyinya maa no+ 37 kae sɛ: “Sɛ wone Yudafo hene no a, gye wo ho.” 38 Wɔde nkyerɛwde bi nso bɔɔ n’atifi sɛ: “Oyi ne Yudafo hene no.”+
39 Na nnebɔneyɛfo a wɔasɛn wɔn no mu biako fii ase kasa tiaa+ no sɛ: “Wone Kristo no, anaa ɛnyɛ wo a? Gye wo ho ne yɛn.” 40 Na nea ɔka ho no buaa no kaa n’anim sɛ: “Enti wunsuro Onyankopɔn koraa bere a seesei wowɔ atemmu koro no ara mu yi?+ 41 Yɛn de, ɛfata yɛn, efisɛ nea yɛyɛe so akatua na yɛn nsa aka yi; na oyi de, ɔnyɛɛ biribiara a ɛmfa kwan mu.”+ 42 Na ɔtoaa so kae sɛ: “Yesu, sɛ woba w’ahenni mu a, kae me.”+ 43 Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Nokwarem mise wo nnɛ sɛ, wobɛka me ho+ wɔ Paradise.”+
44 Efi dɔn a ɛto so asia* rekɔ no, esum duruu asase so nyinaa kosii dɔn a ɛto so akron,*+ 45 efisɛ owia ammɔ; afei kronkronbea hɔ ntwamutam+ no mu suan wɔ mfinimfini.+ 46 Na Yesu de nne kɛse teɛɛm sɛ: “Agya, wo nsam na mede me honhom hyɛ.”+ Ɔkaa eyi no ogyaa mu.+ 47 Nea ɔsraani panyin no hui nti, ofii ase hyɛɛ Onyankopɔn anuonyam sɛ: “Ampa, na ɔbarima yi yɛ treneeni.”+ 48 Na bere a nnipakuw a wɔahyiam rehwɛ nea ɛrekɔ so no nyinaa huu nea asi no, wofii ase bobɔɔ wɔn kokom fii hɔ kɔe. 49 Bio nso, na wɔn a wonim no no nyinaa gyinagyina akyiri.+ Ná mmea a wodii n’akyi fii Galilea no nso gyinagyina hɔ rehwɛ eyinom.+
50 Na hwɛ! ɔbarima bi a wɔfrɛ no Yosef, Bagua no muni a ɔyɛ onipa pa na ɔteɛ+— 51 saa ɔbarima yi ampene pɔw a wɔbɔe ne wɔn adeyɛ no so+—ná ofi Yudafo kurow Arimatea mu, na na ɔretwɛn Onyankopɔn ahenni;+ 52 saa ɔbarima yi kɔɔ Pilato nkyɛn kɔsrɛɛ Yesu amu.+ 53 Na oyii+ no de nwera pa kyekyeree no, na ɔde no too ɔda+ a wɔatwa wɔ ɔbo mu a onipa biara nnaa mu da mu.+ 54 Afei na ɛyɛ Ahoboaboa da,+ na homeda+ hann no reba. 55 Na mmea a wɔne no fi Galilea bae no dii akyi kɔhwɛɛ ɔda+ no ne sɛnea wɔde n’amu no too mu;+ 56 na wɔsan kosiesiee aduhuam ne ngo huamhuam.+ Nanso wɔhomee homeda+ no sɛnea mmara no kyerɛ.