Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w89 8/15 kr. 8-13
  • Paradise A Wɔasan De Asi Hɔ Hyɛ Onyankopɔn Anuonyam

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Paradise A Wɔasan De Asi Hɔ Hyɛ Onyankopɔn Anuonyam
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Wɔn a Wɔanyan Wɔn Boa ma Wɔsan de Paradise si Hɔ
  • “Asase Nyinaa so Ahene”
  • Wɔkae Ɔdebɔneyɛfo a Ɔwɔ Mmɔborohunu
  • Asetra wɔ Wiase Nyinaa Eden a Wɔasan De Asi Hɔ no Mu
  • Daakye a Ɛyɛ Anigye, Enni Awiei
  • Bue A Wobue Ɔkwan A Wɔde San Kɔ Paradise
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
  • Harmagedon Akyi No, Paradise Asase
    Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So
  • So Bible No Hyɛ Asase So Paradise Ho Bɔ?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1984
  • Dɛn Nti na Onyankopɔn Bɔɔ Asase?
    Asɛmpa A Efi Onyankopɔn Hɔ!
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
w89 8/15 kr. 8-13

Paradise A Wɔasan De Asi Hɔ Hyɛ Onyankopɔn Anuonyam

“Mɛhyɛ me nan tiabea anuonyam.”​—YESAIA 60:13.

1, 2. (a) Dɛn na Onyankopɔn nam ne diyifo Yesaia so ka siei faa asase no ho? (b) Sɛ yɛhwɛ daakye mu mfirihyia apem a, dɛn na yehu?

YEHOWA bɔɔ asase no sɛ okyinsoromma a ɛhyɛ ne nan ase, sɛ ne nan ntiaso wɔ sɛnkyerɛnne kwan so. Onyankopɔn nam ne diyifo Yesaia so ka siei sɛ ‘ɔbɛhyɛ ne nan tiabea anuonyam.’ (Yesaia 60:13) Ɛdenam Bible a efi honhom mu no mmoa so no, yebetumi ahwɛ adesamma daakye mu mfirihyia apem, te sɛ nea yɛde adehwɛ afiri bi a ano yɛ den na ɛyɛ saa. Nneɛma a ɛyɛ anigye mmoroso bɛn ara na yehu sɛɛ yi! Turom hwɛfo kɛse a ɔsen biara wɔ amansan no mu no ama asase mũ no nyinaa hyerɛn fɛfɛɛfɛ a mfomso biara nni ho. Ná wɔasan de Paradise asi hɔ ama adesamma wɔ asase so nyinaa!

2 Yiw, ɔsorosoroni Opumpuni a ofii onipa asetra ase wɔ paradise turo mu no wɔ anigye a ɛsen biara a onipa benya wɔ n’adwenem. Ɔbɔadeɛ a ɔwɔ ɔdɔ bɛn ara na adesamma wɔ ampa ara sɛɛ yi, nea ɛnyɛ nea wɔka gugu mu wɔ ne ho sɛ wɔbɛka sɛ “Onyankopɔn ne dɔ” no! (1 Yohane 4:8, 16) Wɔ Paradise a wɔasan de asi hɔ no mu no, mmarima ne mmea a wɔn ho akokwaw tra ase bom sɛ anuanom mmarima ne mmea a wɔwɔ ɔdɔ wɔ adesamma pɛyɛ a ɛntɔ kyima mu. (Yesaia 9:6) Esiane sɛ ɔdɔ kanyan wɔn nti, wofi pɛyɛ mu brɛ wɔn ho ase ma ɔsoro ne asase Bɔfo onuonyamfo, Yehowa Nyankopɔn.

3, 4. (a) Ɔkwan bɛn so na ɔsoro ne asase bedi nsɛ? (b) Sɛ wɔsan de Paradise si hɔ wɔ asase so a, dɛn na abɔfo no bɛyɛ?

3 Mfe mpempem pii a atwam mu, wɔ Onyankopɔn trabea ho nkyerɛkyerɛmu bi a wofi soro de mae mu no, ɔkaa nsɛm a ɛka koma yi kyerɛɛ ne man a wapaw wɔn no: “Ɔsoro yɛ m’agua, na asase yɛ me nan ntiaso.” (Yesaia 66:1) Ɛsɛ sɛ ne “nan ntiaso,” Paradise asase no anuonyam ne n’agua a ɛwɔ sorosoro a aniwa nhu hɔ no anuonyam hyia.

4 Bere a wɔbɔɔ asase no, Onyankopɔn agua no ho asomfo a wɔwɔ ɔsoro trabea hɔ no huu asase so tebea a ɛwɔ fam ha no. Hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ wɔn ani gyei boroo so bere a wɔde wɔn ani huu ne hyerɛn a anuonyam wom no! Ɔkwan bɛn so na na wobetumi ahyɛ wɔn ho so a wɔn nyinaa nka mmom nto dwom? (Fa toto Sefania 3:17, Revised Standard Version; Dwom 100:2, The Jerusalem Bible ho.) Ɔbɔadeɛ a ne koma atɔ ne yam na n’ani agye no de honhom kaa n’asase so ɔkyerɛwfo ma ɔdaa nea ɛkɔɔ so ɔsoro no ho asɛm a ɛyɛ pɛpɛɛpɛ adi, se: “Adekyee nsoromma boom too ahurusi dwom, na Onyankopɔn mma nyinaa bɔɔ ose.” (Hiob 38:7) Mpɛn ahe ara na Onyankopɔn mma abɔfo no bɛto ahurusi dwom saa ara de ahyɛ Onyankopɔn anuonyam, bere a wɔasan de Paradise asi hɔ no!

5. Ɛsɛ sɛ yɛte nka dɛn wɔ Onyankopɔn mfitiase botae a ɛfa asase ho no mmamu ho?

5 Ɛma yɛn koma ani gye ampa ara sɛ Kyerɛw Kronkron a efi honhom mu no san ma yɛn awerɛhyem sɛ na paradise asase fɛfɛ a wobenya ne botae a Onyankopɔn de sii n’ani so fi mfiase no. Saa Onyankopɔn atirimpɔw ma asase yi mmamu a ɛkanyan anigye, ɛma woyi no ayɛ yi ne nea ɛteɛ a wɔbɛhwɛ kwan afi Onyankopɔn a ofi anuonyam biako mu kɔ foforo mu na nkogudi biara nni ne mmaninyɛ a oyi adi mu no nkyɛn. Ayeyi nyinaa nka no!​—Dwom 150:1, 2; Yesaia 45:18; Adiyisɛm 21:3-5.

Wɔn a Wɔanyan Wɔn Boa ma Wɔsan de Paradise si Hɔ

6. Wɔ Harmagedon akyi no, ɔkwan bɛn so na wɔbɛfa de nnipa ahyɛ asase so?

6 Ɛwom sɛ wɔn a wobenya nkwa wɔ Harmagedon no nnɔɔso pii de, nanso ɛnyɛ abawo nkutoo so na wɔnam de nnipa bɛhyɛ asase no so ma. Yehowa ‘bɛhyɛ ne nan ntiaso anuonyam’ denam wɔn a wɔwɔ nkae ada mu na wɔba Kristo ogye afɔre no mfaso horow no ase a ɔsan de wɔn ba nkwa mu no nso so. Eyinom nso benya hokwan a ɛbɛma wɔanya yɛn asase no a wɔdan no ma ɛbɛyɛ paradise a ɛyɛ fɛ mmoroso adwuma a ɛyɛ anigye no mu kyɛfa.​—Asomafo no Nnwuma 24:15.

7. Yesu nsɛm bɛn na wɔn a wobenya nkwa wɔ Harmagedon no bɛma atra wɔn adwenem?

7 Wɔn a wobenya nkwa wɔ Harmagedon no bɛma Awurade Yesu Kristo nsɛm a ɛkanyan nnipa a ɔkae da bi bere a biribi kaa no ma ɔkaa eyi no atra wɔn adwenem daa: “Mommma eyi nnyɛ mo nwonwa, efisɛ dɔn no reba a wɔn a wɔwɔ ada mu nyinaa bɛte ne nne, na wɔafi adi.” (Yohane 5:28, 29) Dɔn bɛn ara na ɛno bɛyɛ sɛɛ yi bere a adesamma awufo a wɔwɔ nkae ada mu no fi ase te Onyankopɔn Ba no nne sɛ ɔka nsɛm a ɛte sɛ nea ɔka kyerɛɛ Lasaro a na n’amu da ɔboda mu wɔ Betania no se: “Lasaro, fi bra!” no.​—Yohane 11:43.

8, 9. Henanom na ɛda adi sɛ wobedi kan anyan wɔn aba asetra a wɔayɛ no foforo wɔ asase so no mu, na anigye bɛn na ɛde bɛbrɛ wɔn a wobenya nkwa wɔ Harmagedon no?

8 Henanom na ɛda adi sɛ wɔbɛyɛ wɔn a wodi kan nyan wɔn ba nkwa mu bio wɔ Yesu Kristo Mfirihyia Apem Adedi no mu ne n’ahyɛde no ho adeyɛ mu no? Ɛbɛyɛ nea ntease wom sɛ ɛyɛ “nguan foforo” a wowuwui nna a edi akyiri a edii nneɛma nhyehyɛe yi awiei anim mu no. Wɔn na wobedi kan anya owusɔre. (Yohane 16:10) Ɛda adi sɛ wɔn na ɛrenyɛ wɔn den pii sɛ wɔbɛyɛ nsakrae ma wɔatumi atra wiase foforo no mu.​—Fa toto Mateo 25:34; Yohane 6:53, 54 ho.

9 Hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ wɔn a wobenya nkwa wɔ Harmagedon no anigye sɛ wobehu sɛ wɔanyan “nguan foforo” a wowuwui wɔ awo ntoatoaso a ɛtraa ase ansa na “ahohiahia kɛse” no reba mu no! (Mateo 24:21) Bere a wɔn a wobenya nkwa wɔ Harmagedon no wɔ tumi a wɔde hu ade yiye no, wohu wɔn, wɔma wɔn akwaaba, na wɔne wɔn hyɛ ɔsom a biakoyɛ wom a wɔde ma Ɔsorosoroni Nyankopɔn no mu den!

10. Sɛ wunya nkwa wɔ Harmagedon a, dɛn na wubetumi adi ho adanse?

10 Ɛdenam wɔn a wobenya nkwa wɔ Harmagedon no mu bi a wobɛyɛ so no, wubetumi ahu w’ankasa asase so abusuafo mu nea odi kan a wonyan no no. Ɔkwan bɛn so na nkate mu ade a efi eyi mu ba a ɛbɛka wo no bɛyɛ soronko wɔ nea ɛbaa awofo a wohui sɛ Awurade Yesu san de wɔn babea a wadi mfe 12 no baa nkwa mu na wɔyɛɛ no atuu no de no ho? “Wɔn ho dwiriw wɔn kɛse.” (Marko 5:42) Aa, ampa ara, wubenya anigye a enni kabea bere a wonyan awufo fi Hades ne ɛpo mu no. (Adiyisɛm 20:13) Oo, daakye a anuonyam wom bɛn ara na ɛbɛyɛ sɛɛ yi, daakye bi a ɛbɛba nnansa yi ara!

“Asase Nyinaa so Ahene”

11, 12. (a) Dɛn na Dwom 45:16 san si so dua? (b) Henanom mu na Ɔhene Yesu Kristo bɛpa “asase nyinaa so ahene”?

11 Yesu nam tumi a ɔwɔ sɛ onyan adesamma awufo a ɔde ne desani nkwa a ɛyɛ pɛ too hɔ maa wɔn sɛ ogye afɔre no a ɔde di dwuma no so betumi ama Dwom 45:16 anya mmamu. Wɔto saa dwom yi nkɔmhyɛ kwan so ma Yesu Kristo sɛ Ɔhene a wɔ no asi agua so: “Wo mma besi [w’asase so agyanom ananmu, wode wɔn besisi asase nyinaa so ahene.” Saa dwom yi san si so dua sɛ Yesu Kristo bɛyɛ ɔsoro agya ama mma a wɔwɔ asase so ha ne sɛ ɔbɛfa mma afi wɔn mu asisi wɔn “asase nyinaa so ahene.” Sɛ́ “Dawid ba” ne sɛ́ Yudani ɔbaabun Maria abakan no, na Yesu wɔ asase so agyanom de kosi agya a na odi kan, Adam so.​—Luka 3:23-38.

12 So Dwom 45:16 reka sɛ wɔn a na anka wɔyɛ Yesu honam fam agyanom no bɛba abɛyɛ ne mma denam nyan a onyan wɔn awufo mu no so anaa? Yiw. So Dwom 45:16 reka nso sɛ esiane obu a Yesu wɔ ma wɔn esiane wɔn aseni a ɔyɛ nti no, ɔbɛkyerɛ ɔdom titiriw ama wɔn sɛ adehye na wapaw wɔn sɛ “asase nyinaa so ahene” wɔ ne Paradise tebea bi mu anaa? Dabi. Nkɔmhyɛ no mmamu wɔ ɔkwan a ɛte saa so no bɛkyerɛ sɛ “ahene” kakraa bi na wobenya asase so nyinaa. Saa nokwasɛm yi akyi no, ɛnyɛ n’agyanom yi nkutoo na wɔyɛɛ ade soronko araa ma enti wɔfata sɛ wonya dibea titiriw asase so wɔ ne Mfirihyia Apem Adedi no mu. Ɔhene Yesu Kristo benya pii a wontumi nkan wɔn a wɔdɔɔso sen n’asase so agyanom no a ɔbɛpaw wɔn “ahene​—wɔn a wobenya nkwa wɔ Harmagedon no mu binom, “nguan foforo” a wonyan wɔn gyidifo a wɔtraa ase ansa na Kristofo mmere no reba no mu bi a wɔfata. Obetumi apaw ebinom a wɔfata afi eyinom nyinaa mu ama wɔayɛ ahene adwuma sɛ n’asase so ananmusifo.

13, 14. Henanom a wobenyan wɔn na wɔn a wobenya nkwa wɔ Harmagedon no benya hokwan de wɔn ani ahu wɔn?

13 Susuw wɔn a wɔtete saa a wobenyan wɔn aba Mesia Ahenni no ase no ho. Hwɛ! So yebetumi agye nea yehu no adi? Abel, ɔdesani a odi kan a owuu mogya dansefo wu no ne Henok a ɔkɔɔ so ne nokware Nyankopɔn no nantewee no wɔ hɔ. Noa, adakapamfo no nso wɔ hɔ. Abraham, Isak, ne Yakob a wɔyɛ Israel man no agyanom no wɔ hɔ. Mose a ofi Lewi asɔfo abusua mu ne Dawid a wɔne no yɛɛ daa Ahenni apam no wɔ hɔ. Na Yesaia, Yeremia, Hesekiel, Daniel, ne Hebrifo adiyifo Bible akyerɛwfo afoforo no nyinaa besi wɔn mu nea otwa to, Malaki so, ne, nokwarem no, Osuboni Yohane ne Yosef a ɔyɛ Yesu asase so agya no nso wɔ hɔ.

14 Bere bi Yesu ka kyerɛɛ Yudafo no sɛ ‘wobehu Abraham, Isak ne Yakob ne adiyifo no nyinaa Onyankopɔn ahenni mu, na [wɔn de] wɔapam wɔn afi mu.’ (Luka 13:28) “Nnipakuw kɛse” a wɔyɛ asase sofo a wobenya nkwa wɔ “Onyankopɔn, ade nyinaa so tumfoɔ da kɛse mu ko” no mu no benya hokwan de wɔn ani ankasa ahu “Abraham, ne Isak ne Yakob ne adiyifo no nyinaa” a wɔanyan wɔn no wɔ Paradise asase so ha na wɔsom sɛ adehye wɔ Onyankopɔn Ahenni a ɛnam “Daa Agya,” Yesu Kristo so no ase.​—Adiyisɛm 7:9, 14; 16:14; Yesaia 9:6.

15. Hokwan a wontumi mfa hwee ntoto ho bɛn na ɛda hɔ twɛn wɔn a wobenya nkwa wɔ Harmagedon no?

15 Hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ nea ɛkanyan nnipa sɛ wubenya nkwa wɔ mprempren wiase bɔne yi awiei na wo ne Noa ne n’abusua mufo a wɔbɛn so, “akra baawɔtwe” a wonyaa nkwa wiase a edi kan no awiei wɔ wiase nyinaa Nsuyiri no mu wɔ 2370 A.Y.B. mu no de mo nsɛm atoto ho! Ɛbɛyɛ nea obi foforo biara nnyaa wo osuahu no bi da ma enti wubetumi asom sɛ Yehowa Nyankopɔn Dansefo wɔ saa kwan a ɛyɛ soronko a ɛrensan mma bio yi so.​—1 Petro 3:20; Marko 13:19; 2 Petro 3:5-7.

Wɔkae Ɔdebɔneyɛfo a Ɔwɔ Mmɔborohunu

16, 17. (a) Sɛ Yesu kae ɔdebɔneyɛfo a na ɔwɔ mmɔborohunu no a, hokwan bɛn na wɔn a wobenya nkwa wɔ Harmagedon no ne afoforo a wɔte ase saa bere no benya? (b) Anidaso bɛn na yɛwɔ wɔ ɔdebɔneyɛfo a wɔanyan no no ho?

16 Akyinnye biara nni ho sɛ ebedu saa bere no na Paradise a wɔresan de asi hɔ wɔ asase so no rekɔ so. Wobenyan ɔdebɔneyɛfo a na wɔabɔ no asɛndua mu aka Yesu ho wɔ Calvary a ɔkae sɛ “Yesu, sɛ woba w’ahenni mu a kae me” de kyerɛɛ sɛ na ogye nea na wɔde afam N’atifi no tom no aba asase so asetra mu wɔ Paradise a wɔasan de asi hɔ no mu. (Luka 23:42) Wɔn a wobenya nkwa wɔ Harmagedon no ne afoforo a wɔte ase saa bere no benya hokwan sɛ wɔbɛma no akwaaba afi awufo mu. Wɔbɛkyerɛkyerɛ no Ɔhene Yesu Kristo a mprempren ɔredi ade a ɔdaa mmɔborohunu a emu dɔ adi wɔ ne ho Nisan 14 wɔ afe 33 Y.B. mu no no ho nsɛm pii.

17 Ɛremma sɛ Awurade Yesu Kristo renkae no wɔ Ne mfirihyia apem adedi no mu bere bi. Akyinnye biara nni ho sɛ ɔdebɔneyɛfo a ɔwɔ mmɔborohunu a wɔanyan no no bɛkyerɛ n’anisɔ ma Ɔhene Yesu Kristo a ɔredi ade a ɔno na onyan no no denam nokware a obedi ama amansan so Tumfoɔ Yehowa Nyankopɔn no so. Wobebu no sɛ ɔfata sɛ ɔne adesamma mu asoɔmmerɛwfo afoforo nya asetra mu anigye wɔ Paradise wɔ wiase foforo no mu daa.

Asetra wɔ Wiase Nyinaa Eden a Wɔasan De Asi Hɔ no Mu

18. Asetra bɛyɛ te sɛ dɛn wɔ Paradise a wɔasan de asi hɔ no mu?

18 Wɔ Paradise a wɔasan de asi hɔ no mu no, obiara yɛ ɔfoforo adamfo. Wiase nyinaa abusuabɔ no ka obiara kodu ne kra mu tɔnn. Wɔte wɔn ho wɔn ho ase. Wɔka kasa biako wiase nyinaa. Ɛda adi yiye sɛ ɛyɛ adesamma mfitiase kasa a na obiara ka wɔ onipa asetra mfe 1,800 a edi kan​—fi Adam bɔ wɔ 4026 A.Y.B. mu no so kosi Peleg bere so (2269 kosi 2030 A.Y.B.), efisɛ “ne nna mu na wɔkyekyɛɛ asase [kyerɛ sɛ asase sotefo] mu”​—no. (Genesis 10:25; 11:1) Obiara ani gye asetra mu hokwan no ho, na wɔde ɛda a abɛto wɔn nkwa so no ho aseda ma ɛda foforo biara. Ɛnyɛ nea nipadua mu mmerɛwyɛ kɔ so bere a bere kɔ so no. Honam mu tumi horow yɛ kɛse, na nipadua ntwintwam.​—Fa toto Hiob 33:25 ho.

19. Dɛn na yebehu wɔ wɔn a na anka wodi dɛm no ho?

19 Na hwɛ! Wɔn a kan na wɔyɛ mmubuafo no nantew, yiw, wɔde anigye huruhuruw. Wɔasan de nsa ne anan a atwitwa atuatua hɔ anwonwa kwan so. Wɔn a na anka wɔn ani afura hu ade, asotifo te asɛm, mum kasa na wɔto dwom esiane anigye nkutoo nti. (Fa toto Yesaia 35:5, 6 ho.) Nneɛma a ɛnyɛ fɛ wɔ nnipa ho nyinaa fi hɔ. Adesamma mu mmea su ma adesamma mmarima su kari pɛ fɛfɛ. (Genesis 2:18) Adesamma pɛyɛ hyɛ Yehowa Nyankopɔn, ɔdesani nipadua a ɛyɛ pɛ no Bɔfo no anuonyam.

20. Dɛn na yebehu wɔ abɔde mu tumi horow nnuan, mmoa, ne sɛnea wɔde asase no di dwuma no ho?

20 Asase no nyinaa redan wiase nyinaa beae biako a ɛyɛ fɛ. Wɔnte ɔpɛ anaa osu a ɛtɔ sɛe ade anaa ahum akɛseakɛse a ɛsɛe ade ho amanneɛbɔ a efi asase no fã bi biara. (Fa toto Marko 4:37-41 ho.) Wɔma adebɔ mu tumi horow nyinaa kari pɛ a ɛma asase no nyinaa yɛ anigyebea a ɛsɛ sɛ wɔtra hɔ. Aduan ho nyɛ na wɔ baabiara, efisɛ asase no rebɔ n’aduan sɛnea ebetumi nyinaa. (Dwom 72:16) Asomdwoe ne ahotɔ wɔ wiase nyinaa nnipa ne mmoa nyinaa mu sɛnea Yehowa ka no ara: “Wɔrenyɛ bɔne na wɔrensɛe ade bio, me bepɔw kronkron na nyinaa so.” (Yesaia 11:9; hwɛ nkyekyem 6-8 nso.) Wɔ saa kwan yi so no, wɔbɛma asase no ayɛ anigyebea a ɛsɛ sɛ wɔtra hɔ na wɔsom Yehowa Nyankopɔn, asase Bɔfo ne ne Wura no. Esiane sɛ ɛyɛ n’agyapade efisɛ ɔno na ɔbɔe nti no, ɛfata sɛ wɔde di dwuma wɔ ɔkwan a ɛsɔ n’ani na ɛhyɛ no anuonyam so.​—Fo toto Yesaia 35:1, 2, 6, 7 ho.

21. Adesamma a wɔagye wɔn no bebu biribiara a ɛwɔ asase no so no dɛn, na nnwom bɛn na wɔbɛte?

21 Ayɛ foforo wɔ ɔkwan a ɛma ahotɔ so​—saa na biribiara a ɛwɔ asase so no te ma adesamma a wɔagye wɔn a wɔankɔ Eden Paradise turo no mu faako a ɔdesani asetra fii ase wɔ pɛyɛ a ɛyɛ fɛ mu da no! (Adiyisɛm 21:5) Nnwom a ɛyɛ dɛ bɛn ara​—nea wɔde nnwonto nneɛma ne ɛnne nyinaa to na wɔbɛte saa bere no sɛɛ yi​—a ne nyinaa yi Yehowa ayɛ!​—1 Beresosɛm 23:4, 5; Dwom 150:3-6.

22. Sɛ obi tra Paradise wiase foforo no mu a, ɔbɛte nka dɛn?

22 Hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ nwonwa sɛ wobɛtra ase wɔ asase a ɔdesani nkwa mma awiei wɔ so na wɔayi nneɛma a ɛde kɔ owu mu esiane Adam mfitiase bɔne no nti no afi hɔ no so! (Fa toto Yohane 10:10 ho.) Yiw, ɛbɛyɛ asase a ɔdesani biara a wɔapene no so a ɔte so no da Yehowa Nyankopɔn su ne ne sɛso a wɔde bɔɔ onipa a odi kan a ɔne Adam no adi! (Genesis 1:26, 27) Afei asase no renyɛ atantanne mma serafim ne kerubim, ne ɔsoro abɔfo a wɔhyerɛn no bio. Sɛ wɔdan wɔn anim fɛfɛ no kyerɛ asase, na wohu sɛ wɔde paradise afɛfɛde ahyehyɛ no no a, ayeyi ne aseda nkutoo na wɔde bɛma Onii a wɔwɔ hokwan sɛ wohu n’anim tee​—Yehowa, Amansan Sodifo no.​—Mateo 18:10.

Daakye a Ɛyɛ Anigye, Enni Awiei

23. Dɛn na ebetumi aba wɔ Kristofo a wɔasra wɔn no ho, na dɛn na ebefi mu aba ama asase so Paradise no mu tefo no?

23 Ebetumi ayɛ yiye na ɛda adi sɛ ɛbɛba saa sɛ daakye bi no, wɔbɛda Kristofo a wɔasra wɔn a wɔahyɛ wɔn ‘frɛ ne wɔn paw’ a wɔde kɔ ɔsoro Ahenni no mu no mu den na wɔnam honhom mu owusɔre yi so ahyira wɔn no nyinaa din adi ama adesamma abusua no ahu wɔ wɔn asase so Paradise no mu. (2 Petro 1:10; Dwom 87:5, 6) Enti,wɔbɛte nea enti a Yɛsu Kristo asuafo 144,000 a wɔde honhom asra wɔn no nni ase so Paradise no mu no ase koraa ama obiara koma atɔ ne yam na wɔne wɔn nyinaa afi koma nyinaa mu adi ahurusi.

24. (a) Dɛn na ɛbɛyɛ nea Yehowa atumi ayɛ wɔ “ne nan ntiaso no ho? Yɛyɛ dɛn hu sɛ wiase foforo no remma awiei da, na nkɔmhyɛ kwan so dwom bɛn na ebenya mmamu?

24 Anigye na wɔn a wɔkɔ so de wɔn ho ma Yehowa, amansan nyinaa so Tumfoɔ a oye sen biara no nyinaa daakye bɛyɛ. Paradise asase a nnipa ahyɛ so ma sɛnea ahotɔ wom abɛyɛ beae a ɛfata, beae a ɛde nkamfo ma, sɛ “nan ntiaso” a Onyankopɔn betumi de ne nan atiatia so mfonini kwan so. Yiw, Yehowa bɛhyɛ ‘ne nan tiabea anuonyam’ akosi daa, na adesamma nyinaa de wɔn ho bɛhyɛ n’ase koraa! (Mateo 5:34, 35; Asomafo no Nnwuma 7:49) Wiase foforo no bɛyɛ wiase a enni awiei efisɛ “n’ahenni mu bɛtrɛw, na asomdwoe a enni awiei aba.” (Yesaia 9:7) Afei, nkɔmhyɛ kwan so dwom a ɔsoro abɔfo toe bere a wɔwoo Yesu wɔ Betlehem a ɛwɔ Yudea wɔ 2 A.Y.B. mu no benya mmamu: “Anuonyam wɔ sorosoro ma Onyankopɔn, na asomdwoe wɔ asase so, nnipa a wɔsɔ n’ani mu.”​—Luka 2:13, 14.

25. (a) Dɛn na wɔn a wɔyɛ “nguan foforo” a wɔne “nnipakuw kɛse” no mufo no ani sɔ mprempren? (b) Dɛn na ɛsɛ sɛ ɛyɛ yɛn pɛ a efi komam?

25 Wɔn a wɔyɛ Oguanhwɛfo Pa no “nguan foforo” a wɔne “nnipakuw kɛse” no mufo no ani sɔ Paradise a wɔasan de asi hɔ ho nsɛm a ɛkanyan nnipa no. Ɛyɛ hokwan a wɔanya sɛ wɔne Onyankopɔn ahyehyɛde no bɛbɔ fekuw mprempren na wɔde nsiyɛ de wɔn ho ahyɛ adwuma a Awurade Yesu Kristo ka siei a ɛne Ahenni no ho asɛmpa a wɔbɛka wiase nyinaa de adi adanse a etwa to no mu. (Mateo 24:14; Marko 13:10) Sɛ́ Yehowa Adansefo no, yɛn pɛ a ɛyɛ nokware na efi komam ne sɛ yebekura yɛn mudi mu a biribiara nkeka mu de akosi daa, de ahyɛ amansan Sodifo, Yehowa Nyankopɔn anuonyam na yɛatew ne din ho daa daa, ne wɔ ne Ba a ɔwoo no koro, Yesu Kristo ahenni nniso no ase. “Haleluia!”​—Adiyisɛm 19:1, 3, 4, 6, RSV, New International Version; Mmebusɛm 10:9.

Wubebua Dɛn?

◻ Bɔ bɛn na Yehowa ahyɛ fa ne sɛnkyerɛnne kwan so nan ntraso a ɛne asase no ho

◻ Henanom na wɔbɛboa ma wɔasan de Paradise asi hɔ?

◻ Ɔhene Yesu Kristo bɛpaw “asase nyinaa so ahene” afi henanom mu?

◻ Osuahu a ɛkanyan nnipa bɛn na ebetumi ayɛ wo de bere a owusɔre no ba no?

◻ Daakye bɛn na ɛda hɔ twɛn wɔn a wɔbɛkɔ so de wɔn ho ama Yehowa no?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena