Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w84 7/1 kr. 3
  • Wɔpɛe Sɛ Wotra Paradise

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wɔpɛe Sɛ Wotra Paradise
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1984
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Paradise a Bible Ka Ho Asɛm no Wɔ He?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2011
  • Bible Mu Nnyinaso Ma Anidaso Wɔ Paradise Mu
    Nyan!—1980
  • “Yebehyia Wɔ Paradise!”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2018
  • So Bible No Hyɛ Asase So Paradise Ho Bɔ?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1984
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1984
w84 7/1 kr. 3

Wɔpɛe Sɛ Wotra Paradise

YƐN Bɔfo a ɔwɔ ɔdɔ no pɛ sɛ wotra Paradise a anigye wom mu. Ɔbɔɔ ofie bi a ɛte saa maa yɛn awofo a wodi kan no. Bible se: “Onyankopɔn yɛɛ turo bi wɔ Eden a ɛwɔ apuei fam, na ɔde onipa a ɔnwenee no no traa hɔ. Na [Yehowa] Nyankopɔn maa nnua ahorow nyinaa a wɔhwɛ a ɛyɛ fɛ na eye sɛ wodi fifii asase no so.”​—Genesis 2:8, 9, 15.

Na saa fie a edi kan no yɛ Paradise ankasa, na asɛmfua “Paradise” no kyerɛ “Turo.” Na ɛyɛ “Paradise a Anigye wom,” a ɛno ne din foforo ma “Eden turo.” Woyɛ ofie a ɛte sɛɛ ho mfonini dɛn? So wo adwene ani hu nhwiren ahorow ahorow, nnua ahorow, nnuaba ahorow, nhaban ahorow a ɛyɛ fɛ, nsuten ahorow a ɛyɛ fɛ ne atare ahorow, a ani yɛ fɛ anaa? So woreyɛ nwura fɛfɛɛfɛ a nnua akɛse ne mframa a nnua afoforo hua ne nnomaa su ahyɛ no ma ho mfonini anaa?

Ebia wubebua sɛ, “ɛno, ne nea ɛsen saa.” “Asomdwoe ne ahotɔ bɛba hɔ nso.” Na na ɛte saa wɔ Eden turo no mu! Na asomdwoe wɔ mmoa no mpo ntam, ne wɔ wɔne yɛn awofo a wodi kan no ntam. Onyankopɔn kae sɛ: “Mmoa a wɔwea asase so nyinaa a ɔkra a ɛte ase wɔ wɔn mu no, mede nhaban momono mama wɔn sɛ wonni. Na [Onyankopɔn] de [mmoa no] baa onipa no nkyɛn sɛ onhu sɛnea ɔbɛfrɛ wɔn . . . Na onipa totoo afieboa nyinaa ne wim nnomaa ne wuram mmoadoma nyinaa din.”​—Genesis 1:30; 2:19, 20.

Ofie a ɛyɛ fɛ bɛn ni! Na bere a asomdwoe wɔ onipa ne mmoa ntam ne wɔ wɔne wɔn Bɔfo a ɔwɔ soro no ntam no, na ɛyɛ nwonwa.

Nea ɛbɛyɛ biara no yenim sɛ wo ani begye sɛ wobɛtra Paradise a Anigye wom sɛɛ mu!

Na saa mfitiase Paradise no wɔ he? Bible se na ɛwɔ asase so, na wɔbɔɔ nsubɔnten anan a na ɛwɔ hɔ no mpo din, a Eufrate a ɛda so wɔ hɔ nnɛ no ka ho. Nanso nyamesom mu encyclopedia bi ka adwene bi a wokura nnɛ ho asɛm “sɛ na mfitiase Eden no wɔ ɔsoro.” Ɛnyɛ hyia nko na adwene a ɛte sɛɛ ne Bible kyerɛwtohɔ no nhyia, na mmom ɛne asɛm a Yesu Kristo kae sɛ ɛnam wɔn nkabom so no, ɔbarima ne ɔbea a wodi kan no bɛyɛɛ “ɔhonam koro” no nso bɔ abira.​—Mateo 19:4-6; Genesis 2:21-24; 1 Korintofo 15:50.

Ɛwom sɛ Onyankopɔn bɔɔ nnipa ma wɔatra asase so Paradise de, nanso asɔrekɔfo pii gye di nnɛ sɛ paradise koro pɛ a wobetumi anya mu anigye no wɔ ɔsoro. Nanso, nea ɛyɛ anigye no, Bible encyclopedia bi ka wɔ eyi ho sɛ: “Onipa taa susuw sɛ ɔsoro anigye horow no te sɛ wiase anigye horow, anaasɛ anyɛ yiye koraa no ɛte sɛ wiase anigye ahorow; na obiara hwɛ kwan sɛ ne wu akyi no ne nsa bɛka eyi a na obu sɛ ɛsom bo kɛse bere a ɔwɔ asase so no.”

Nnipa susuw Paradise ho wɔ honam fam efisɛ Onyankopɔn bɔɔ onipa ma watra asase so ma wanya asase so nneɛma mu anigye. (Dwom 115:16) Eyi de nsemmisa ahorow ba. Sɛ nhwɛso no, bere a Yesu hyɛɛ ɔbɔnefo a ɔne no wui wɔ dua no so no bɔ sɛ, “Wobɛka me ho wɔ Paradise” no, na saa Paradise no yɛ nea ɛwɔ he?​—Luka 23:43.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena