So Wubegye Asetra Wo Paradise Atom?
PARADISE! Dɛn na asɛmfua no ma ɛba w’adwene mu? So ɛyɛ biribi ankasa anaa adaeso bi? So ebetumi aba asase so ankasa, anaa, sɛnea wɔn a wɔfrɛ wɔn ho Kristofo, Yudafo ne Nkramofo pii gye di no, ɛyɛ owu akyi asetra a nhyira wom ho sɛnkyerɛnnede ara kwa?
Nokwasɛm no ne sɛ Yesu Kristo kaa Paradise ho asɛm. Ɔka kyerɛɛ ɔdebɔneyɛfo a na wɔasɛn no wɔ dua ho wɔ ne nkyɛn no sɛ: “Nokware mise wo nnɛ, wobɛka me ho Paradise hɔ.” (Luka 23:43, NW) Enti ɛho hia sɛ yehu nokwasɛm a ɛfa Paradise ho no.
Paradise a wɔtaa de ka Bible mu Eden turo ho asɛm no yɛ nea nnipa pii hu no sɛ ɛyɛ anansesɛm mmom, na ɛnyɛ beae pɔtee bi wɔ asase so. Dɛn na wugye di? So na baabi wɔ asase so wɔ Asia Kumaa a wosiesiee no titiriw maa onipa asetra mfiase, sɛnea Bible mu nhoma a ɛne Genesis kyerɛ no?
Nea ɛyɛ anigye no, Bible no kyerɛwtohɔ a ɛfa paradise turo a na ɛwɔ Eden ho no mmfa asɛm a emu nna hɔ te sɛ, “Da bi, wɔ akyirikyiri asase bi so no . . . ” mfi ase. Mmom no, wɔ Bible mu nhoma a yesua Eden ho asɛm wɔ mu no mu no, ɛka mmere pɔtee bi ho asɛm na ɛde nea wobetumi agyina so abu mmere ne nea wobegyina so ahu anatõ a wobetumi ahu wɔ Bible no mu nyinaa ma. (Luka 3:22-38; hwɛ Bible encyclopedia a ɛne Aid to Bible Understanding, nkratafa 333-348 nso.) Bible no ka beae pɔtee bi nso ho asɛm “wɔ Eden apuei fam,” ne asubɔnten bi a “efi Eden” a ɛbɛyɛɛ asubɔnten anan. Wɔahu eyi mu abien nnɛ sɛ, ɛne nsubɔnten Eufrate ne Tigris. Ebia eyi bɛma Eden ayɛ nea na ɛwɔ faako a mmepɔw a ɛwɔ Mesopotamia asasetaw no kesee fam, wɔ Ɔtare Van a ɛwɔ Turkey apuei fam no wɔ mprempren no.—Genesis 2:7-17.
Bible no kyerɛwtohɔ kyerɛ sɛ wɔde onipa a odi kan, Adam traa turo bi a nneɛma a ehia no ma watra nkwa mu nyinaa atwa ne ho ahyia mu. Na afifide pii ne “nnua ahorow nyinaa a wɔhwɛ a, ɛyɛ fɛ, na eye sɛ wodi” wɔ hɔ. Sɛ nnua ahorow a ɛtete saa wɔ hɔ a, ɛnde na ɛda adi sɛ turo no nyɛ ketewaa bi.
Onipa Pɛ Paradise
Onipa ayeyɛ aturo ahorow wɔ faako a ɛbɛn nkurow akɛse mu wɔ nnɛ mmere yi mu. Dɛn ntia? Efisɛ mpɛn pii obi a ɔte kurom no pɛ sɛ ɔde nneɛma a Onyankopɔn abɔ no gye n’ani. Na dɛn na ɛtɔ bere bi a yɛyɛ bere a yɛkɔ turo bi a ɛyɛ fɛ mu, ne titiriw, bere a nhwiren ahorow ne nnua apaapae nhwiren no? Yɛteɛm sɛ, “Paradise bɛn ni!” Hwɛ sɛnea yɛn kɔn dɔ sɛ yebetumi atra baabi a ɛte sɛ Paradise! Yiw ɛyɛ onipa su a enyaa ne mfiase fii onipa bɔ so wɔ Eden Paradise turo no mu.
Ɛno ne anidaso a Yesu de sii ɔdebɔneyɛfo a na ɔrewu wɔ ne nkyɛn no anim, bere a ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Nokware mise wo nnɛ, wobɛka me ho Paradise hɔ.” (Luka 23:43, NW) Ɛha no na Yesu renhyɛ ɔdebɔneyɛfo no anaa ne kra a wosusuw sɛ enwu no ɔsoro asetra ho bɔ. Ná ɔde daa nkwa wɔ asase so wɔ Paradise asase so wɔ n’Ahenni nniso ase ho bɔhyɛ na ɛrema no. Dɛn na woyɛ w’ade wɔ saa Bɔhyɛ no ho?—Mateo 6:9, 10; Yohane 5:28, 29, Asomafo no Nnwuma 24:15.
So Wubegye Mfe 500 Akyɛde?
Nea ɛyɛ anigye no, Psychology Today nsɛmma nhoma no bisaa n’akenkanfo asɛm bi a ɛfa eyi ho wɔ ɔkwan bi so nnasa yi: “Sɛ obi ma wo aduru bi a ebetumi ama woatra ase mfe 500 a, so anka wubegye?” Nokwarem no, wɔanka biribiara amfa apɔw-mu-den a edi mu anaa Paradise tebea bi a wobenya ho. Nanso dɛn na wɔyɛe? Bɛboro ɔha biara mu 50 kae sɛ wɔbɛnom aduru no. Pii kae sɛ wɔpɛ sɛ “wonya nneɛma pii, wɔyɛ nneɛma pii, anaa wonya asetra mu anigye bere tenten.” Ɔbarima foforo kaa no tiaa koraa sɛ, “Mepɛ nkwa.” Mmea no mu binom kyerɛkyerɛɛ mu sɛ, “asetra yɛ anigye; nneɛma pii wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ woyɛ, na mmere a ɛdɔɔso nni hɔ a wode bɛyɛ.” Wote nka wɔ nkwa ho dɛn? Wopɛ nkwa? Nanso sɛ anka wubetumi anya daa nkwa wɔ Paradise tebea horow mu wɔ akwahosan a edi mu mu a ɛnyɛ mfe 500 akyɛde mmom ɛ? Bible no de saa anidaso no ma wo.—Yohane 17:3; Dwom 37 :11, 29; Yesaia 33:24.
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 30]
“Na ahobrɛasefo benya asase no adi, na wɔagye wɔn ani asomdwoe bebree mu. Treneefo benya asase no adi na wɔatra so daapem.”—Dwom 37:11, 29.
[Kratafa 30 mfoni]
Nnomaa, mmoa, mpataa ne afifide ahorow ahe no wunim? Wɔ Paradise no wubenya bere de asua wɔn nyinaa ho ade
September Da Biara Da Asɛm
(wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)