Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w91 4/15 kr. 28
  • So Wokae?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Wokae?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • So Yesu ne Ɔbɔfo Panyin Mikael?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2010
  • Hena ne Ɔbɔfo Panyin Mikael?
    Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa?
  • Hena ne Ɔbɔfo Panyin Mikael?
    Nyan!—2002
  • Hena Ne Ɔbɔfo Panyin Mikael?
    Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
w91 4/15 kr. 28

So Wokae?

So woahu sɛ Ɔwɛn-Aban a ɛba nnansa yi ho wɔ mfaso ankasa? Ɛnde dɛn nti na womfa nea edidi so yi nsɔ w’adwene nhwɛ?

◻ Nokwasɛm bɛn na ɛkyerɛ sɛ baabi a wɔkyerɛ sɛ wɔwoo Yesu a wobebu no kronkron no nteɛ?

Bible no nka faako pɔtee a wɔwoo Yesu. Mateo ne Luka Asɛmpa kyerɛwtohɔ no ka ahiade atitiriw no nkutoo ho asɛm. (Mateo 2:1, 5; Luka 2:4-7) Yohane 7:40-42 akenkan kyerɛ sɛ na nnipa no ankasa nnim n’awobea, ebinom susuwii sɛ wɔwoo no wɔ Galilea. Afei nso, wɔ Yesu ankasa asase so asetra mu no, wammɔ n’awo ho nsɛm ho dawuru da.​—12/15, kratafa 5.

◻ Ɔkwan bɛn so na Kristoni betumi akura anigye a ɔwɔ no mu bere a ogyina honam fam yare, adwenemhaw, ne sikasɛm mu ahokyere ho sɔhwɛ ano no?

Onyankopɔn Asɛm de awerɛkyekye ne akwankyerɛ a ehia no ma. Ɔnam nnwom nhoma no akenkan ne ne tie so betumi anya ahotɔ pii. Dawid tuu yɛn fo sɛ: “Dan w’adesoa to [Yehowa] so, na obeso wo mu.” Ɔma yɛn awerɛhyem nso sɛ Yehowa ne “Mpaebɔ Tiefo” ankasa. (Dwom 55:22; 65:2) Yehowa ahyehyɛde no nam ne nhoma ahorow ne n’asafo no mu mpanyimfo so ayɛ krado sɛ ɛbɛboa yɛn ma yɛadi yɛn nsɛnnennen ho dwuma.​—1/1, nkratafa 14-15.

◻ Na dɛn na Yesu kyerɛ, bere a ɔrekɔ ma wɔabɔ no asɛnduam no ɔkae sɛ: “Na sɛ wɔde eyi reyɛ dumono a, dɛn na wɔde bɛyɛ duwui” no? (Luka 23:31)

Na Yesu reka dua a ɛne Yudafo man no ho asɛm. Esiane sɛ na Yesu ne Yudafo nkae bi a wogyee no dii wɔ hɔ nti, na nkwa bi da so ara wom. Nanso, sɛ woyi eyinom nyinaa fi ɔman no mu a, honhom fam duwui bi nkutoo na ɛbɛka, ɔman a awu.​—1/15, kratafa 9.

◻ Ɔkwan bɛn so na “wɔn a wɔn koma mu tew” a wɔka wɔn ho asɛm wɔ Mateo 5:8 no ‘behu Nyankopɔn’?

‘Wohu Onyankopɔn’ bere a wohu sɛ ɔyɛ ade ma mudi mu kurafo no. (Fa toto Exodus 33:20; Hiob 19:26; 42:5 ho.) Nanso, Hela asɛmfua a ɛwɔ Mateo 5:8 a wɔakyerɛ ase sɛ ‘hu’ no nso kyerɛ sɛ “wode adwene no behu, sɛ wubehu, sɛ wunim biribi.” Esiane sɛ Yesu daa Onyankopɔn nipasu adi pɛpɛɛpɛ nti, saa nipasu no mu ntease tumi maa “wɔn a wɔn koma mu tew” no ‘huu Onyankopɔn.’ (Yohane 14:7-9)​—1/15, kratafa 16.

◻ Dɛn nti na yɛka sɛ Yesu ne ɔbɔfo panyin Mikael?

Onyankopɔn Asɛm ka ɔbɔfo panyin biako pɛ ho asɛm, na ɛka saa ɔbɔfo no ho asɛm sɛ ɔne Awurade Yesu a wɔanyan no afi awufo mu no. “Awurade ankasa de osebɔ, ɔbɔfo panyin nne ne Onyankopɔn torobɛnto fi soro besian.” (1 Tesalonikafo 4:16) Yehu wɔ Yuda 9 sɛ ɔbɔfo panyin yi din de Mikael.​—2/1, kratafa 17.

◻ Mmeae anan bɛn na yebetumi adi nnipa afoforo ni?

Ɛsɛ sɛ yedi amammui atumfo, adwumawuranom, yɛn abusua kɔntɔnkrɔn no mufo, ne asafo no mufo ni.​—2/1, nkratafa 20-2.

◻ Bere a aka bere tiaa bi ma Yesu awu no, nhwɛso pa bɛn na ɔyɛ maa wɔn a wɔwɔ awofo a wɔn mfe akɔ anim no?

Bere a na Yesu da so ara sɛn asɛndua no ho rehu amane no, osusuw ne na honam fam ne honhom fam yiyedi ho denam ɔsomafo Yohane a ɔdɔ no a ɔde no hyɛɛ ne nsa sɛ ɔnhwɛ no no so. (Yohane 19:25-27)​—2/15, kratafa 8.

◻ Dɛn nti na na ɛsɛ sɛ Yesu hu amane?

Yesu amanehunu no buaa Onyankopɔn nkoa mudi mu kura ho ɔsɛmpɔw no. Esiesiee no nso maa n’adwuma sɛ adesamma Sɔfo Panyin mmɔborohunufo no. (Hebrifo 4:15). (Hebrews 4:15)​—2/15, nkratafa 14-15.

◻ Nsɛmpɔw a ɛho hia titiriw bɛn na Eden atuatew no ma ɛsɔree?

So onipa betumi akwati Onyankopɔn adi ne ho so ma ayɛ yiye? So ɛteɛ wɔ Onyankopɔn fam sɛ obebisa sɛ wɔmmrɛ ne ho ase nhyɛ ne tumidi ase? Sɛ wɔtrɛw mu a, so nnipa befi wɔn ankasa pɛ mu apaw ɔkwan a pɛsɛmenkominya nnim so sɛ wɔbɛsom Onyankopɔn?​—3/1, kratafa 6.

◻ Dɛn nti na ebinom afom adi Nkaedi nsɛnkyerɛnnede no?

Ebia nnipa binom a wɔn ho nkokwaw kɛse nnya nnyaa Onyankopɔn atirimpɔw ahorow ho anisɔ a ɛkari pɛ ɛ. Ebia wonnye ntom sɛ ɔsra ‘mfi nea ɔpɛ anaa nea otu mmirika no, na mmom efi Onyankopɔn.’ (Romafo 9:16) Ɛnyɛ onii no na obesi gyinae sɛ ɔpɛ sɛ wɔde no ka apam no ho, na ɔne Kristo ayɛ yɔnko adedifo. Nea Yehowa paw no no na ehia, na ne honhom di nea ɔpaw no no ho adanse. (Romafo 8:16; 1 Korintofo 12:18)​—3/15, kratafa 21.

◻ Dɛn ne “kasa kronn” a wɔka ho asɛm wɔ Sefania 3:9, New World Translation no?

Ɛyɛ Onyankopɔn ne n’atirimpɔw ahorow ho nokware mu ntease a ɛfata.​—4/1, nkratafa 21-2.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena