Bible no Adwene
Hena ne Ɔbɔfo Panyin Mikael?
SƐNEA Bible kyerɛ no, abɔfo ɔpepem pii na wɔwɔ honhom atrae. (Daniel 7:9, 10; Adiyisɛm 5:11) Efi mfiase kosi awiei no, Kyerɛwnsɛm no twe adwene si abɔfo a wodi nokware ma Nyankopɔn no so mpɛn pii. Nanso, honhom abɔde yi mu baanu pɛ na wɔbɔ wɔn din. Obiako ne ɔbɔfo Gabriel, a n’ankasa de asɛm fi Onyankopɔn hɔ brɛɛ nnipa baasa bi wɔ mfe 600 ntam no. (Daniel 9:20-22; Luka 1:8-19, 26-28) Ɔbɔfo foforo a wɔbɔ ne din wɔ Bible mu ne Mikael.
Ɛda adi pefee sɛ Mikael yɛ ɔbɔfo a ɔda nsow. Sɛ nhwɛso no, wɔ Daniel nhoma no mu no, wɔka Mikael ho asɛm sɛ ɔko tia adaemone atirimɔdenfo ma Yehowa nkurɔfo. (Daniel 10:13; 12:1) Wɔ Yuda Krataa a efi honhom mu no mu no, Mikael ne Satan dii akameakame wɔ Mose amu ho. (Yuda 9) Adiyisɛm nhoma no da no adi sɛ Mikael ne Satan ne n’adaemone no dii ako na ɔtoo wɔn fi soro. (Adiyisɛm 12:7-9) Ɔbɔfo foforo biara nni hɔ a wɔka ne ho asɛm sɛ ɔwɔ ahoɔden ne tumi kɛse wɔ Onyankopɔn atamfo so saa da. Ɛnde, ɛnyɛ nwonwa sɛ Bible ka Mikael ho asɛm ma ɛfata sɛ “ɔbɔfo panyin.”
Akyinnyegye a Ɛsɔre Wɔ Onii a Mikael Yɛ Ho
Kristoman asɔre ahorow, ne Yudasom ne Nkramosom nyinaa kura abɔfo ho adwene a ɛbɔ abira. Nkyerɛkyerɛmu no bi yɛ nea emu nna hɔ. Sɛ nhwɛso no, The Anchor Bible Dictionary ka sɛ: “Ebetumi aba sɛ ɔbɔfo kunini biako anaa abɔfo mpanyin kuw ketewaa (a mpɛn pii no abɔfo baanan anaa baason na wɔwom) wɔ hɔ.” Sɛnea The Imperial Bible-Dictionary kyerɛ no, edin Mikael no yɛ “obi a ɔwɔ tumi sen nnipa din, ebetumi ayɛ nnipa baanu a nnipa nyinaa ka wɔn ho asɛm no mu biara, sɛ́ ɛyɛ Awurade Yesu Kristo, Onyankopɔn Ba no, anaasɛ wɔn a wɔfrɛ wɔn abɔfo mpanyin baason no mu biako.”
Wɔ Yudafo atetesɛm mu no, abɔfo mpanyin baason yi ne Gabriel, Jeremiel, Michael, Raguel, Raphael, Sariel, ne Uriel. Nanso, abɔfo mpanyin baanan na Nkramosom gye di sɛ wɔwɔ hɔ, na wɔn din ne Jibril, Mikal, Izrail, ne Israfil. Katolekfo nso gye di sɛ abɔfo mpanyin baanan na wɔwɔ hɔ: Michael, Gabriel, Raphael, ne Uriel. Dɛn na Bible no ka? So abɔfo mpanyin pii na wɔwɔ hɔ?
Mmuae a Bible De Ma
Wɔnka ɔbɔfo panyin foforo biara ho asɛm wɔ Bible mu nka Mikael ho, na Kyerɛwnsɛm no mfa asɛm “ɔbɔfo panyin” nni dwuma sɛ dodow kabea. Bible no ka Mikael ho asɛm sɛ ɔbɔfo panyin, a nea ɛkyerɛ ne sɛ ɔno nkutoo na okura saa abodin no. Enti, ntease wom sɛ yɛbɛka sɛ Yehowa Nyankopɔn soro abɔde no mu biako pɛ na ɔde tumi nyinaa ama no sen abɔfo a wɔaka no.
Sɛ Ɔbɔadeɛ no ankasa da nkyɛn a, gyidini biako pɛ na wɔka ne ho asɛm sɛ abɔfo hyɛ n’ase—na ɔno ne Yesu Kristo. (Mateo 13:41; 16:27; 24:31) Ɔsomafo Paulo hyɛɛ da bɔɔ “Awurade Yesu” ne ‘n’abɔfo a wɔwɔ tumi’ no din. (2 Tesalonikafo 1:7) Na Petro kaa Yesu a wɔanyan no ho asɛm sɛ: “Ɔte Onyankopɔn nifa, na abɔfo ne wɔn a wɔwɔ ahoɔden ne tumi mu no abrɛ wɔn ho ase ama no.”—1 Petro 3:22.
Ɛwom sɛ asɛm biara nni Bible mu a ɛhyɛ da si no pi sɛ Yesu ne ɔbɔfo panyin Mikael de, nanso kyerɛwsɛm biako wɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ Yesu ne ɔbɔfo panyin no. Wɔ krataa a ɔsomafo Paulo de kɔmaa Tesalonikafo mu no, ɔhyɛɛ nkɔm sɛ: “Awurade ankasa de osebɔ, ɔbɔfo panyin nne ne Onyankopɔn torobɛnto fi soro besian, na Kristo mu awufo bɛsɔre kan.” (1 Tesalonikafo 4:16) Wɔ saa kyerɛwsɛm yi mu no, wɔka Yesu ho asɛm sɛ wafa ne tumi sɛ Onyankopɔn Mesia Hene. Nanso, ɔde “ɔbɔfo panyin nne” na ɛkasa. Hyɛ no nsow nso sɛ, ɔwɔ tumi a ɔde nyan awufo.
Bere a Yesu wɔ asase so sɛ onipa no, onyanee awufo bebree. Wɔ saayɛ mu no, ɔde ne nne dii dwuma sɛ obi a ɔwɔ tumi. Sɛ nhwɛso no, bere a ɔrenyan okunafo bi babarima wɔ Nain kurow mu no, ɔkae sɛ: “Aberante, mise wo sɛ: Sɔre!” (Luka 7:14, 15) Akyiri yi, bere tiaa bi ansa na Yesu renyan n’adamfo Lasaro no, “Ɔde nne kɛse teɛɛm sɛ: Lasaro, fi bra!” (Yohane 11:43) Nanso wɔ saa mmere yi mu no, na Yesu nne yɛ onipa a ɔyɛ pɛ nne.
Wɔ Yesu ankasa wusɔre akyi no, ‘wɔmaa no so kɛse’ wɔ soro sɛ honhom abɔde. (Filipifo 2:9) Seesei a ɔnyɛ nipa bio no, wanya ɔbɔfo panyin nne. Enti bere a wɔhyɛnee Onyankopɔn torobɛnto de frɛɛ “wɔn a wɔawu Kristo mu” de nyanee wɔn kɔɔ soro no, “ɔde ɔbɔfo panyin nne” na ‘ɛfrɛe’ saa bere yi. Ɛnde ntease wom sɛ yɛbɛka sɛ ɔbɔfo panyin nkutoo na “ɔde ɔbɔfo panyin nne” bɛfrɛ.
Yiw, abɔfo foforo wɔ hɔ a wɔn dibea korɔn, te sɛ serafim ne kerubim. (Genesis 3:24; Yesaia 6:2) Nanso, Yesu Kristo a wɔanyan no no na Kyerɛwnsɛm no twe adwene si ne so sɛ abɔfo no nyinaa panyin—ɔbɔfo panyin Mikael.