Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w10 4/1 kr. 19
  • So Yesu ne Ɔbɔfo Panyin Mikael?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Yesu ne Ɔbɔfo Panyin Mikael?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2010
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Hena ne Ɔbɔfo Panyin Mikael?
    Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa?
  • Hena Ne Ɔbɔfo Panyin Mikael?
    Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
  • Hena ne Ɔbɔfo Panyin Mikael?
    Nyan!—2002
  • Mikael, Ɔbapɔmma Kɛse No Sɔre Gyina
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1987
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2010
w10 4/1 kr. 19

Nsɛm A Akenkanfo Bisa . . .

So Yesu ne Ɔbɔfo Panyin Mikael?

▪ Sɛ yɛbɛka no tiaa a, mmuae no yɛ yiw. Wɔ aman pii mu no, ɛnyɛ nwonwa sɛ wubehu sɛ onipa bi wɔ din bɛboro biako. Saa pɛpɛɛpɛ na edin ahorow a ɛwɔ Bible mu no te. Sɛ nhwɛso no, na wɔsan frɛ tete agya Yakob, Israel. (Genesis 35:10) Ná wɔde edin ahorow anum frɛ ɔsomafo Petro—Simeon, Simon, Petro, Kefa, ne Simon Petro. (Mateo 10:2; 16:16; Yohane 1:42; Asomafo Nnwuma 15:7, 14) Dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛahu sɛ Mikael yɛ Yesu din foforo? Wo de, susuw adanse a ɛwɔ Kyerɛwnsɛm mu yi ho hwɛ.

Honhom abɔde a ɔwɔ tumi a wɔfrɛ no Mikael no din pue mpɛn anum wɔ Bible no mu. Yehu emu abiɛsa wɔ Daniel nhoma no mu. Sɛ yɛkenkan Daniel 10:13, 21 a, yehu sɛ Mikael a wɔfrɛ no “asafohene atitiriw no biako” ne “mo man safohene” no kɔboaa ɔbɔfo bi a na wɔasoma no. Afei nso, yehu wɔ Daniel 12:1 sɛ wɔ awiei bere mu no, “Mikael, ɔsafohene kɛse a ogyina hɔ ma wo man mma no bɛsɔre agyina.”

Wɔsan kaa Mikael ho asɛm wɔ Adiyisɛm 12:7. Saa kyerɛw nsɛm no kyerɛkyerɛ sɛnea “Mikael ne n’abɔfo” tuu Satan Ɔbonsam ne n’abɔfo bɔne fii soro wɔ ɔkõ kɛse bi a esii wɔ hɔ no mu.

Hyɛ no nsow sɛ wɔ nsɛm a wɔaka ho asɛm no mu biara mu no, wɔka Mikael ho asɛm sɛ ɔbɔfo kofofo a ɔreko de abɔ Onyankopɔn nkurɔfo ho ban, na mpo, ɔne Yehowa tamfo kɛse, Satan dii asi.

Yuda nkyekyɛm 9 frɛ Mikael “ɔbɔfo panyin.” Asɛmfua “panyin” no kyerɛ “otitiriw” anaa “ɔhene,” na wɔamfa asɛm “ɔbɔfo panyin” no anni dwuma wɔ dodow kabea mu wɔ Bible mu. Yuda 9 akyi no, 1 Tesalonikafo 4:16 nkutoo na wɔde asɛm ɔbɔfo panyin no adi dwuma, na ɛhɔ na Paulo kaa Yesu a wɔanyan no no ho asɛm sɛ: “Awurade [Yesu] ankasa de nteɛm a emu yɛ den, ɔbɔfo panyin nne ne Onyankopɔn torobɛnto besian afi soro.” Enti, wɔkaa Yesu Kristo ankasa ho asɛm wɔ ha sɛ ɔbɔfo panyin.

Bere a nea yɛaka yi nyinaa wɔ yɛn adwene mu no, dɛn na yebetumi aka? Yesu Kristo ne ɔbɔfo panyin Mikael. Edin abien—Mikael (nea ɛkyerɛ ne “Hena na Ɔte sɛ Nyankopɔn?”) ne Yesu (nea ɛkyerɛ ne “Yehowa Ne Nkwagye”)—no ma yehu dwuma titiriw a odi wɔ Onyankopɔn tumidi mu. Filipifo 2:9 ka sɛ: “Onyankopɔn pagyaw no maa no gyinabea a ɛkorɔn, na ɔdom maa no din a ɛkyɛn edin biara.”

Mfaso wɔ so sɛ yebehu sɛ ɛnyɛ bere a wɔwoo Yesu sɛ onipa no na ne nkwa fii ase. Ansa na wɔrewo Yesu no, ɔbɔfo bi ka kyerɛɛ Maria sɛ, ɛnam honhom kronkron so no, ɔbɛfa yafunu na wato abofra a ɔbɛwo no no din Yesu. (Luka 1:31) Bere a Yesu reyɛ ne som adwuma no, na ɔtaa ka n’asetena wɔ soro ansa ɔreba asase so ho asɛm.—Yohane 3:13; 8:23, 58.

Enti, bere a Yesu mmaa asase so no, na ɔne ɔbɔfo panyin Mikael. Na bere a wonyan Yesu ma ɔkɔɔ soro nso, ɔkɔtoaa n’adwuma so sɛ Mikael a ɔyɛ abɔfo no nyinaa panyin, “de hyɛ Agya Onyankopɔn anuonyam.”—Filipifo 2:11.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena