Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w91 10/15 kr. 29-30
  • “Wobɛka Me Ho wɔ Paradise”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Wobɛka Me Ho wɔ Paradise”
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • So Bible No Hyɛ Asase So Paradise Ho Bɔ?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1984
  • “Yebehyia Wɔ Paradise!”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2018
  • “Wobɛka Me Ho Wɔ Paradise”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2022
  • Dɛn na Yesua Fi Ɔdebɔneyɛfo Bi Hɔ?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2013
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
w91 10/15 kr. 29-30

“Wobɛka Me Ho wɔ Paradise”

BERE a ɔsɛmmɔnedifo no sɛn asɛndua no so de ɛyaw rewu no, ɔsrɛɛ ɔbarima a ɔsɛn ne nkyɛn no sɛ: “Yesu, sɛ woba w’ahenni mu a, kae me!” Ɛwom mpo sɛ na Yesu nso de ɛyaw a emu yɛ den rewu de, nanso obuae sɛ: “Nokware mise wo nnɛ sɛ, Wobɛka me ho wɔ Paradise.” (Luke 23:42, 43, New World Translation) Anidaso a awerɛkyekye wom a wɔde ma onipa a ɔrewu bɛn ara ni!

Nanso, so wohyɛɛ no nsow sɛ New World Translation​—nkyerɛase a wɔafa mu asɛm aka wɔ nkyekyem a edi kan no mu no​—de nkyerɛwee mu agyiraehyɛde ba wɔ asɛmfua “nnɛ” no akyi, bere a na ɛkyerɛ Yesu nsɛm yi ase no? Eyi ada adwene a ɛne sɛ Yesu wu da mpo no, otumi de Paradise asetra ho bɔhyɛ maa saa ɔsɛmmɔnedifo no adi. Nea ɛne eyi bɔ abira no, The New English Bible no de nkyerɛwee mu agyiraehyɛde no to Yesu nsɛm no mu wɔ ɔkwan yi so: “Meka eyi kyerɛ wo: nnɛ wobɛka me ho wɔ Paradise.” Nkyerɛase afoforo pii ne The New English Bible no mu de no hyia, na ɛda adwene a ɛne sɛ na Yesu ne ɔsɛmmɔnedifo a ɔrewu no rekɔ Paradise saa da no ara no adi. Dɛn nti na nsonsonoe wom? Nkyerɛwee mu agyiraehyɛde a wɔde ato mu no mu nea ɛwɔ he na ɛteɛ?

Nokwarem no, na nkyerɛwee mu agyiraehyɛde biara nni Hela Bible nsaano nkyerɛwee a edi kan pɛɛ no mu. Enti, bere a wɔde nkyerɛwee mu agyiraehyɛde baa mu no, na ɛsɛ sɛ wɔn a wɔhwɛ Bible so kyerɛw bi ne nsɛm asekyerɛfo gyina sɛnea wɔte Bible mu nokware no ase so de hyehyem. Ɛnde, so sɛnea na wɔyɛ no tete no teɛ? So Yesu ne ɔdebɔneyɛfo no kɔɔ Paradise da no ara a wowui no?

Dabi, sɛnea Bible no kyerɛ no, wɔkɔɔ baabi a wɔfrɛ hɔ wɔ Hela mu sɛ Haʹdes, ne wɔ Hebri mu sɛ Sheʹol, a n’abien nyinaa kyerɛ adesamma nyinaa adamoa. (Luka 18:31-33; 24:46; Asomafo no Nnwuma 2:31) Bible no ka wɔn a wɔwɔ saa beae no ho asɛm sɛ: “Na awufo de, wonnim biribiara . . . Na adwuma ne adwene ne nimdeɛ ne nyansa nni [Sheʹol] [Hela, Haʹdes] a worekɔ hɔ no.” Ɛnyɛ paradise!​—Ɔsɛnkafo 9:5, 10.

Nnansa so ansa na wɔrenyan Yesu afi Hades. Afei oyii ne ho adi kyerɛɛ n’akyidifo wɔ Palestina asase so wɔ bɛyɛ adapɛn asia mu. Yesu ka kyerɛɛ Maria da koro wɔ saa bere no mu sɛ: “Minnya menkɔɔ ɔsoro m’Agya nkyɛn ɛ.” (Yohane 20:17) Enti na onnuu baabi a wobetumi afrɛ hɔ sɛ paradise.​—Adiyisɛm 2:7.

Wɔ afeha a ɛto so abiɛsa Y.B. mu no​—bere a na wɔde Kristofo nkyerɛkyerɛ fra Hela nyansapɛ mu ntɛmntɛm no​—Origen faa Yesu asɛm no kae sɛ: “Ɛnnɛ wobɛka me ho wɔ Onyankopɔn Paradise.” Wɔ afeha a ɛto so anan Y.B. mu no, asɔre akyerɛwfo kae sɛ wɔmpene so sɛ wɔde nkyerɛwee mu agyiraehyɛde bi bɛba “nnɛ” akyi. Eyi kyerɛ sɛ sɛnea na wɔkenkan Yesu nsɛm no wɔ tete no wɔ abakɔsɛm a akyɛ. Nanso ɛkyerɛ nso sɛ wɔ afeha a ɛto so anan Y.B. mu mpo no, na ebinom kenkan Yesu nsɛm no te sɛ nea wɔakyerɛ ase wɔ New World Translation no mu no.

Ɛnnɛ nso, ɛwom sɛ nsɛm asekyerɛfo pii gyina asɔre atetesɛm so de nkyerɛwee mu agyiraehyɛde to Luka 23:43 mu de, nanso ebinom yɛ no te sɛ nea New World Translation no ayɛ no no. Sɛ nhwɛso no, Yesu nsɛm no kenkan wɔ German nkyerɛase a Ɔbenfo Wilhelm Michaelis yɛe no mu sɛ: “Nokware, mede awerɛhyem yi ma wo nnɛ mpo sɛ: Wobɛka me ho (da bi) wɔ Paradise.”

Ɛnde, na dɛn na Yesu nsɛm no kyerɛ ma ɔdebɔneyɛfo no? Ebia ɔtee sɛnea na wɔka sɛ Yesu ne Ɔhene a wɔahyɛ ne ho bɔ no. Akyinnye biara nni ho sɛ na onim abodin “Yudafo hene,” a Pilato kyerɛw bɔɔ Yesu atifi no. (Luka 23:35-38) Ɛwom sɛ nyamesom akannifo no pow Yesu denneennen de, nanso ɔsɛmmɔnedifo a onuu ne ho yi daa ne gyidi adi, na ɔkae sɛ: “Yesu, sɛ woba w’ahenni mu a, kae me!” Wanhwɛ kwan sɛ ɔne Yesu bedi tumi, nanso na ɔpɛ sɛ onya Yesu nniso mu mfaso. Enti, wɔ saa da a na emu yɛ den sen biara mpo mu no, Yesu hyɛɛ ɔdebɔneyɛfo no bɔ sɛ ɔbɛka ne ho wɔ Paradise.

Wɔ paradise bɛn? Wɔ Bible no mu no, Paradise a edi kan no ne Eden turo a yɛn awofo a wodi kan no hweree no. Bible no hyɛ bɔ sɛ wɔbɛsan de asase so Paradise aba wɔ Onyankopɔn Ahenni a Yesu ne ɛso Hene no mu. (Dwom 37:9-11; Mika 4:3, 4) Enti, ɛbɛyɛ nea Yesu ka saa ɔdebɔneyɛfo no ne awufo afoforo pii ho, bere a onyan wɔn fi adamoa mu ba nkwa mu wɔ paradise asase so, na wonya hokwan sua Onyankopɔn apɛdeyɛ na wɔatra ase daa no.​—Yohane 5:28, 29; Adiyisɛm 20:11-13; 21:3, 4.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena