Yohane 3:13 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 13 Afei nso, onipa biara mforo nkɔɔ ɔsoro+ gye nea osian fii ɔsoro no,+ onipa Ba no.+ Yohane 6:38 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 38 efisɛ mifi soro+ aba sɛ merebɛyɛ nea ɔsomaa me no apɛde, ɛnyɛ m’ankasa m’apɛde.+ Yohane 8:23 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 23 Enti ɔtoaa so ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mufi fam; me de, mifi soro.+ Mufi wiase;+ me de, mimfi wiase.+ Asomafo Nnwuma 1:9 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 9 Ɔkaa eyinom wiei a wɔrehwɛ no no, wɔmaa no so kɔɔ soro+ na omununkum kataa ne ho na wɔanhu no bio.+ Efesofo 4:8 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 8 Enti ɔka sɛ: “Bere a ɔforo kɔɔ ɔsoro no, ɔde nnommum kɔe; ɔde nnipa mae sɛ akyɛde.”+
9 Ɔkaa eyinom wiei a wɔrehwɛ no no, wɔmaa no so kɔɔ soro+ na omununkum kataa ne ho na wɔanhu no bio.+