Yohane 16:33 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 33 Maka eyinom akyerɛ mo na monam me so anya asomdwoe.+ Mo ho rehiahia mo wiase de, nanso momma mo bo ntɔ mo yam! Madi wiase so nkonim.”+ Efesofo 2:14 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 14 Na ɔno ne yɛn asomdwoe,+ nea wayɛ akuw abien+ no biako+ na wasɛe ɔfasu+ a na etwa wɔn ntam+ no. Filipifo 4:7 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 7 na Onyankopɔn asomdwoe+ a ɛboro adwene nyinaa so no bɛbɔ mo koma+ ne mo adwene nsusuwii ho ban denam Kristo Yesu so. Kolosefo 3:15 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 15 Bio nso, momma Kristo asomdwoe+ nni mo koma+ so, na ɛno mu na wɔfrɛɛ mo bae wɔ nipadua biako+ mu. Monkyerɛ nneɛma ho anisɔ. 2 Tesalonikafo 3:16 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 16 Afei asomdwoe Wura no ankasa mma mo asomdwoe daa wɔ akwan nyinaa so.+ Awurade ne mo nyinaa ntena.
33 Maka eyinom akyerɛ mo na monam me so anya asomdwoe.+ Mo ho rehiahia mo wiase de, nanso momma mo bo ntɔ mo yam! Madi wiase so nkonim.”+
7 na Onyankopɔn asomdwoe+ a ɛboro adwene nyinaa so no bɛbɔ mo koma+ ne mo adwene nsusuwii ho ban denam Kristo Yesu so.
15 Bio nso, momma Kristo asomdwoe+ nni mo koma+ so, na ɛno mu na wɔfrɛɛ mo bae wɔ nipadua biako+ mu. Monkyerɛ nneɛma ho anisɔ.