Mateo 28:8 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 8 Enti, wofii ɔda no so ntɛm ara, na wɔde ehu ne anigye kɛse tuu mmirika kɔbɔɔ n’asuafo no amanneɛ.+ Luka 24:41 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 41 Nanso bere a anigye nti wonnye nni+ na asɛm no yɛ wɔn nwonwa no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “So mowɔ aduan bi wɔ hɔ?”+ Yohane 20:20 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 20 Na ɔkaa saa no, ɔde ne nsam ne ne mfem kyerɛɛ wɔn.+ Afei asuafo no dii ahurusi+ sɛ wɔahu Awurade.
41 Nanso bere a anigye nti wonnye nni+ na asɛm no yɛ wɔn nwonwa no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “So mowɔ aduan bi wɔ hɔ?”+