Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Yesaia 9:6
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 6 Wɔawo akokoaa ama yɛn,+ wɔama yɛn ɔbabarima,+ na n’ahenni bɛda ne mmati so.+ Na wɔbɛfrɛ ne din sɛ Ɔfotufo Nwonwafo,+ Onyame Tumfoɔ,+ Daa Agya,+ Asomdwoe Hene.+

  • Yesaia 11:10
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 10 Saa da no,+ Yese ntini+ begyina sɛ ahyɛnsode ama aman nyinaa.+ Na amanaman bɛhwehwɛ n’akyi kwan,+ na n’asoɛe bɛyɛ anuonyambea.+

  • Yesaia 52:15
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 15 enti ɔno nso bɛma aman pii abɔ piriw.+ Ɔno nti ahene bɛka wɔn ano atom,+ efisɛ nea wɔnka nkyerɛɛ wɔn no, wobehu, na nea wɔntee da no, wɔbɛte ase.+

  • Yeremia 23:5
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 5 “Hwɛ, nna bi reba,” Yehowa asɛm ni, “na mɛma trenee duforo bi so ama Dawid.+ Ɔhene bi bedi hene,+ na ɔde nyansa bɛyɛ ade na wabu atɛntrenee ayɛ adetrenee asase no so.+

  • Mika 5:2
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 2 “Na wo, Betlehem Efrata,+ wo a wusua koraa sɛ wɔbɛkan wo afra Yuda mpempem mu,+ wo mu+ na mɛma obi afi abɛyɛ Israel sodifo.+ Ɔno na n’ase fi tete a enni ano.+

  • Sakaria 13:7
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 7 “O nkrante, sɔre bra me guanhwɛfo+ no so, ɔbarima a ɔyɛ me yɔnko+ so,” asafo Yehowa asɛm ni. “Bɔ oguanhwɛfo no+ na nguan no mmɔ nhwete,+ na mɛdan me nsa aba nkumaa+ no so.”

  • Malaki 3:1
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 3 “Hwɛ, meresoma me bɔfo+ adi m’anim abesiesie kwan mu.+ Na Awurade+ nokwafo a morehwehwɛ no ne apam+ bɔfo+ a mo ani agyina no+ no bɛba N’asɔrefie hɔ+ mpofirim. Hwɛ, ɔbɛba,” asafo Yehowa na waka.+

  • Luka 24:44
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 44 Afei ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Eyi ne me nsɛm a meka kyerɛɛ mo bere a na meda so ka mo ho no,+ sɛ etwa sɛ nea wɔakyerɛw afa me ho wɔ Mose mmara ne Adiyifo+ no ne Nnwom+ no mu nyinaa ba mu.”

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena