Mateo 5:12 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 12 Momma mo ani nnye na munni ahurusi,+ efisɛ mo akatua+ sõ wɔ soro; saa ara na wɔtaa adiyifo+ a wodii mo anim no. Asomafo Nnwuma 16:25 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 25 Na bɛyɛ ɔdasum+ no, Paulo ne Silas bɔɔ mpae too dwom yii Onyankopɔn ayɛ;+ na nneduafo no tee wɔn nka. Romafo 5:3 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 3 Na ɛnyɛ ɛno nko, na mmom momma yenni ahurusi bere a yɛwɔ ahohia mu,+ efisɛ yenim sɛ ahohia de boasetɔ ba;+ 2 Korintofo 12:10 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 10 Enti mmerɛwyɛ, ahohora, ohia, ɔtaa, ne ahokyere a Kristo nti mihyia no yɛ anigyesɛm ma me. Efisɛ meyɛ mmerɛw mmom a na minya ahoɔden.+ Filipifo 1:29 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 29 efisɛ mo na Kristo nti wɔde hokwan no maa mo, na ɛnyɛ sɛ munnya ne mu gyidi+ nko na mmom sɛ munnyina n’ananmu nhu amane+ nso. Hebrifo 10:34 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 34 Na wɔn a wɔdaa afiase no asɛm yɛɛ mo mmɔbɔ, na mode anigye penee mo ahode a wɔfowee+ so, bere a munim sɛ mowɔ agyapade a ɛkyɛn so na ɛwɔ hɔ daa no.+ 1 Petro 4:13 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 13 Mmom no, bere a munya Kristo amanehunu no mu kyɛfa no,+ monkɔ so mma mo ani nnye,+ na sɛ woyi n’anuonyam no nso adi a,+ mo ani agye adi ahurusi.
12 Momma mo ani nnye na munni ahurusi,+ efisɛ mo akatua+ sõ wɔ soro; saa ara na wɔtaa adiyifo+ a wodii mo anim no.
25 Na bɛyɛ ɔdasum+ no, Paulo ne Silas bɔɔ mpae too dwom yii Onyankopɔn ayɛ;+ na nneduafo no tee wɔn nka.
3 Na ɛnyɛ ɛno nko, na mmom momma yenni ahurusi bere a yɛwɔ ahohia mu,+ efisɛ yenim sɛ ahohia de boasetɔ ba;+
10 Enti mmerɛwyɛ, ahohora, ohia, ɔtaa, ne ahokyere a Kristo nti mihyia no yɛ anigyesɛm ma me. Efisɛ meyɛ mmerɛw mmom a na minya ahoɔden.+
29 efisɛ mo na Kristo nti wɔde hokwan no maa mo, na ɛnyɛ sɛ munnya ne mu gyidi+ nko na mmom sɛ munnyina n’ananmu nhu amane+ nso.
34 Na wɔn a wɔdaa afiase no asɛm yɛɛ mo mmɔbɔ, na mode anigye penee mo ahode a wɔfowee+ so, bere a munim sɛ mowɔ agyapade a ɛkyɛn so na ɛwɔ hɔ daa no.+
13 Mmom no, bere a munya Kristo amanehunu no mu kyɛfa no,+ monkɔ so mma mo ani nnye,+ na sɛ woyi n’anuonyam no nso adi a,+ mo ani agye adi ahurusi.