11 na ɔbaa yɛn nkyɛn bɛfaa Paulo abɔso kyekyeree ne nan ne ne nsa kae sɛ: “Sɛnea honhom kronkron se ni, ‘Saa kwan yi so na Yudafo bɛkyekyere+ ɔbarima a abɔso yi yɛ ne de no wɔ Yerusalem na wɔayi+ no ahyɛ amanaman mufo nsa.’”
23 Wɔyɛ Kristo asomfo anaa? Miyi ano te sɛ ɔbɔdamfo, meyɛ bi kyɛn so:+ adwumaden a ɛboro so mu,+ afiasenna a ɛdɔɔso mu,+ ɔhwe a ɛtra so mu, na mabɛn owu mpɛn pii.+
24 Afei meredi ahurusi wɔ amane a mihu ma mo no mu,+ na me fam no, merewie Kristo mu amanehunu+ a aka no wɔ me honam mu ama ne nipadua a ɛne asafo no.+
12 Eyi nso nti na merehu amane+ yi, nanso ɛnyɛ me aniwu.+ Efisɛ minim onii a magye no adi no, na mewɔ ahotoso sɛ obetumi akora+ nea magyaw ahyɛ ne nsa no so akosi sɛ da+ no bɛba.