Mateo 15:11 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 11 Ɛnyɛ nea ɛkɔ onipa anom na egu ne ho fĩ, na mmom nea efi onipa anom ba na egu ne ho fĩ.”+ Asomafo Nnwuma 10:28 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 28 na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mo ara munim pefee sɛnea mmara mma kwan sɛ Yudani ne abusua foforo muni bɛbɔ anaasɛ ɔbɛbɛn no;+ nanso Onyankopɔn akyerɛ me sɛ ɛnsɛ sɛ mefrɛ onipa biara sɛ ne ho agu fĩ anaa ne ho ntew.+ Romafo 14:14 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 14 Minim na mabegye adi Awurade Yesu mu sɛ biribiara nni hɔ a ɛho ntew ankasa;+ sɛ obi bu biribi sɛ ɛho ntew a, ɛnde na ɛho ntew mma no.+ 1 Timoteo 4:4 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 4 Nea enti a ɛte saa ne sɛ Onyankopɔn abɔde nyinaa ye,+ na sɛ obi de aseda+ gye a, ɛnsɛ sɛ ɔpo biribiara+ Tito 1:15 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 15 Nneɛma nyinaa ho tew ma wɔn a wɔn ho tew.+ Nanso wɔn a wɔn ho agu fĩ+ na wonnye nni+ no de, biribiara ho ntew, na wɔn adwene ne wɔn ahonim+ nyinaa ho agu fĩ.
28 na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mo ara munim pefee sɛnea mmara mma kwan sɛ Yudani ne abusua foforo muni bɛbɔ anaasɛ ɔbɛbɛn no;+ nanso Onyankopɔn akyerɛ me sɛ ɛnsɛ sɛ mefrɛ onipa biara sɛ ne ho agu fĩ anaa ne ho ntew.+
14 Minim na mabegye adi Awurade Yesu mu sɛ biribiara nni hɔ a ɛho ntew ankasa;+ sɛ obi bu biribi sɛ ɛho ntew a, ɛnde na ɛho ntew mma no.+
4 Nea enti a ɛte saa ne sɛ Onyankopɔn abɔde nyinaa ye,+ na sɛ obi de aseda+ gye a, ɛnsɛ sɛ ɔpo biribiara+
15 Nneɛma nyinaa ho tew ma wɔn a wɔn ho tew.+ Nanso wɔn a wɔn ho agu fĩ+ na wonnye nni+ no de, biribiara ho ntew, na wɔn adwene ne wɔn ahonim+ nyinaa ho agu fĩ.