Mateo 13:55 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 55 Ɛnyɛ duadwumfo no ba no ni?+ Ɛnyɛ ne maame na wɔfrɛ no Maria, na ne nuabarimanom nso wɔmfrɛ wɔn Yakobo ne Yosef ne Simon ne Yuda? Asomafo Nnwuma 15:13 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 13 Wɔkasa wiei no, Yakobo buae sɛ: “Mmarima, anuanom, muntie me.+ Asomafo Nnwuma 21:18 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 18 Na ade kyee no, Paulo ne yɛn kɔɔ Yakobo+ nkyɛn, na na mpanyimfo no nyinaa wɔ hɔ. 1 Korintofo 15:7 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 7 Ɛno akyi no oyii ne ho adi kyerɛɛ Yakobo,+ ne afei asomafo no nyinaa;+ Galatifo 1:19 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 19 Na manhu asomafo nkae no mu biara gye Awurade nua+ Yakobo+ nkutoo. Galatifo 2:9 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 9 yiw, bere a Yakobo+ ne Kefa ne Yohane a wɔayɛ sɛ adum+ no huu adom+ a wɔde adom me+ no, wokyiaa me ne Barnaba+ nsam de kyerɛɛ ayɔnkofa,+ sɛ yɛnkɔ amanaman mufo mu na wɔn de, wɔnkɔ twetiafo mu.
55 Ɛnyɛ duadwumfo no ba no ni?+ Ɛnyɛ ne maame na wɔfrɛ no Maria, na ne nuabarimanom nso wɔmfrɛ wɔn Yakobo ne Yosef ne Simon ne Yuda?
9 yiw, bere a Yakobo+ ne Kefa ne Yohane a wɔayɛ sɛ adum+ no huu adom+ a wɔde adom me+ no, wokyiaa me ne Barnaba+ nsam de kyerɛɛ ayɔnkofa,+ sɛ yɛnkɔ amanaman mufo mu na wɔn de, wɔnkɔ twetiafo mu.