Daniel 9:24 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 24 “Wɔahyɛ adapɛn aduɔson wɔ wo man+ ne wo kurow kronkron+ no ho sɛ mmarato to ntwa+ na bɔne mmra awiei,+ na wɔmpata mfomso,+ na wɔmfa trenee mmra daa,+ na wɔmfa nsɔano+ ntim anisoadehu ne adiyifo so, na wɔnsra Kronkron mu Kronkronbea hɔ.+ Luka 24:47 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 47 na ne din so na wobegyina aka adwensakra a ɛma bɔne fafiri+ ho asɛm wɔ amanaman nyinaa mu+—wobefi ase afi Yerusalem;+ Asomafo Nnwuma 5:31 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 31 Oyi na Onyankopɔn maa no so sɛ Ɔsafohene+ ne Agyenkwa+ kɔɔ ne nsa nifa so,+ sɛ ɔmma Israel nnya adwensakra+ ne bɔne fafiri.+ Asomafo Nnwuma 10:43 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 43 Ɔno na adiyifo no nyinaa di ne ho adanse,+ sɛ obiara a ogye no di no nam ne din so benya bɔne fafiri.”+
24 “Wɔahyɛ adapɛn aduɔson wɔ wo man+ ne wo kurow kronkron+ no ho sɛ mmarato to ntwa+ na bɔne mmra awiei,+ na wɔmpata mfomso,+ na wɔmfa trenee mmra daa,+ na wɔmfa nsɔano+ ntim anisoadehu ne adiyifo so, na wɔnsra Kronkron mu Kronkronbea hɔ.+
47 na ne din so na wobegyina aka adwensakra a ɛma bɔne fafiri+ ho asɛm wɔ amanaman nyinaa mu+—wobefi ase afi Yerusalem;+
31 Oyi na Onyankopɔn maa no so sɛ Ɔsafohene+ ne Agyenkwa+ kɔɔ ne nsa nifa so,+ sɛ ɔmma Israel nnya adwensakra+ ne bɔne fafiri.+
43 Ɔno na adiyifo no nyinaa di ne ho adanse,+ sɛ obiara a ogye no di no nam ne din so benya bɔne fafiri.”+