3 Na bere a mmara no antumi anyɛ adwuma anwie,+ esiane ɔhonam a na ama ayɛ mmerɛw+ nti no, Onyankopɔn somaa n’ankasa Ba+ bae te sɛ honam a bɔne aka no+ maa bɔne+ no, de buu bɔne fɔ wɔ honam mu,
10Na esiane sɛ Mmara no kura nnepa a ɛbɛba no sunsuma+ na ɛnyɛ nneɛma no adeban ankasa nti, nnipa ntumi mfa afɔre koro no ara a wɔbɔ no afe afe no so mma wɔn a wɔba no nwie pɛyɛ+ da.