Genesis 17:10 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 10 Na apam a me ne mo ayɛ a wo ne w’asefo nyinaa bedi so no ni:+ Mo mu ɔbarima biara ntwa twetia.+ Exodus 12:48 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 48 Na sɛ ɔhɔho a wabɛtena mo mu pɛ sɛ odi twam no bi de hyɛ Yehowa anuonyam a, ma ɔbarima biara a ɔwɔ ne fie ntwa twetia+ ansa na wabɛn ho sɛ ɔrebedi bi. Ma ɔnyɛ sɛ okuromanni. Nanso obiara a ontwaa twetia nnni bi. Leviticus 12:3 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 3 Da a ɛto so awotwe no wontwa abofra no twetia.+
48 Na sɛ ɔhɔho a wabɛtena mo mu pɛ sɛ odi twam no bi de hyɛ Yehowa anuonyam a, ma ɔbarima biara a ɔwɔ ne fie ntwa twetia+ ansa na wabɛn ho sɛ ɔrebedi bi. Ma ɔnyɛ sɛ okuromanni. Nanso obiara a ontwaa twetia nnni bi.