Yesaia 1:26 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 26 Na mɛsan ama wo atemmufo sɛ kan no, na wubenya afotufo te sɛ mfiase no.+ Afei wɔbɛfrɛ wo Trenee Kuropɔn, Nokware Kurow.+ Daniel 7:27 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 27 “‘Na wɔde ɔsoro nyinaa ase ahenni ne tumi ne kɛseyɛ maa Opumpuni no akronkronfo man no.+ Wɔn ahenni yɛ daa ahenni,+ na tumidi nyinaa bɛsom wɔn atie wɔn.’+ Mika 4:8 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 8 “O nguanhwɛfo aban, Sion babea bepɔw ketewa,+ wo nkyɛn na tumidi a edi kan no bɛba,+ Yerusalem babea ahenni no.+ Luka 19:11 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 11 Bere a wɔretie eyinom no ɔsan maa mfatoho bi, efisɛ na ɔbɛn Yerusalem, na na wosusuw sɛ Onyankopɔn ahenni rebeyi ne ho adi amonom hɔ ara.+ Luka 24:21 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 21 Nanso na yɛwɔ anidaso sɛ saa ɔbarima yi na wɔayi no sɛ ommegye Israel;+ yiw, na eyinom nyinaa akyi no, ɛnnɛ ne da a ɛto so abiɛsa a nsɛm yi sisii.
26 Na mɛsan ama wo atemmufo sɛ kan no, na wubenya afotufo te sɛ mfiase no.+ Afei wɔbɛfrɛ wo Trenee Kuropɔn, Nokware Kurow.+
27 “‘Na wɔde ɔsoro nyinaa ase ahenni ne tumi ne kɛseyɛ maa Opumpuni no akronkronfo man no.+ Wɔn ahenni yɛ daa ahenni,+ na tumidi nyinaa bɛsom wɔn atie wɔn.’+
8 “O nguanhwɛfo aban, Sion babea bepɔw ketewa,+ wo nkyɛn na tumidi a edi kan no bɛba,+ Yerusalem babea ahenni no.+
11 Bere a wɔretie eyinom no ɔsan maa mfatoho bi, efisɛ na ɔbɛn Yerusalem, na na wosusuw sɛ Onyankopɔn ahenni rebeyi ne ho adi amonom hɔ ara.+
21 Nanso na yɛwɔ anidaso sɛ saa ɔbarima yi na wɔayi no sɛ ommegye Israel;+ yiw, na eyinom nyinaa akyi no, ɛnnɛ ne da a ɛto so abiɛsa a nsɛm yi sisii.