Mateo 5:32 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 32 Nanso mise mo sɛ, sɛ ɛnyɛ aguamammɔ+ nti na obi gyaa ne yere a, ebetumi ama ɔbea no asɛe aware,+ na obiara a ɔbɛware ɔbea a wɔagyaa no no asɛe aware.+ Mateo 19:9 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 9 Mise mo sɛ sɛ ɛnyɛ aguamammɔ nti na obi gyaa ne yere na ɔsan ware foforo a, wasɛe aware.”+ Marko 10:12 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 12 na sɛ ɔbea bi gyaa ne kunu na ɛno akyi ɔware foforo a, wasɛe aware.”+ Luka 16:18 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 18 “Obiara a obegyaa ne yere aware foforo no asɛe aware, na nea ɔbɛware ɔbea a ne kunu agyae no no asɛe aware.+
32 Nanso mise mo sɛ, sɛ ɛnyɛ aguamammɔ+ nti na obi gyaa ne yere a, ebetumi ama ɔbea no asɛe aware,+ na obiara a ɔbɛware ɔbea a wɔagyaa no no asɛe aware.+
18 “Obiara a obegyaa ne yere aware foforo no asɛe aware, na nea ɔbɛware ɔbea a ne kunu agyae no no asɛe aware.+