7 Afei nso sɛ mmara a ɛde owu ba+ a wokurukyerɛw no abo so+ no mpo bae wɔ anuonyam mu,+ ma enti Israel mma antumi annyen wɔn ani anhwɛ Mose anim esiane n’anim anuonyam+ a na ebetwam no nti a,
18 Na bere a yɛn+ nyinaa de yɛn anim a yɛnkatae no da Yehowa anuonyam adi+ sɛ ahwehwɛ no, wɔsakra yɛn+ kɔ suban koro no ara mu+ fi anuonyam mu kɔ anuonyam mu,+ sɛnea Yehowa a ɔyɛ Honhom no yɛ no pɛpɛɛpɛ+ no.
6 Efisɛ Onyankopɔn na ɔkae sɛ: “Hann mfi sum mu nhyerɛn,”+ na ɔde Onyankopɔn ho nimdeɛ+ a ɛho wɔ nyam no ahyerɛn yɛn koma so+ ma emu ayɛ hann Kristo anim.+