2 Korintofo
4 Ne saa nti yɛmpa abaw esiane ɔsom adwuma+ a wɔahu yɛn mmɔbɔ ama yɛn nsa aka+ yi nti; 2 na mmom yɛatwe yɛn ho afi sum ase nneɛma a ɛyɛ aniwu+ no ho, na yɛmma nnaadaa mma yɛn akwan mu, na saa ara nso na yɛmfra Onyankopɔn asɛm mu,+ na mmom yɛda nokware no adi de di yɛn ho adanse kyerɛ nnipa ahonim nyinaa, Onyankopɔn anim.+ 3 Na sɛ asɛmpa a yɛka no so akata ampa a, ɛso akata ama wɔn a wɔasi ɔsɛe kwan so no,+ 4 na wɔn mu na wiase yi nyame+ afura wɔn a wonnye nni no adwene ani,+ sɛnea ɛbɛyɛ a Kristo a ɔyɛ Onyankopɔn suban+ no anuonyam asɛmpa+ no hann+ renhyerɛn mma wɔn.+ 5 Na ɛnyɛ yɛn ho asɛm na yɛka, na mmom yɛka Kristo Yesu ho asɛm sɛ ɔyɛ Awurade,+ na yɛn nso yɛyɛ mo nkoa+ ma Yesu. 6 Efisɛ Onyankopɔn na ɔkae sɛ: “Hann mfi sum mu nhyerɛn,”+ na ɔde Onyankopɔn ho nimdeɛ+ a ɛho wɔ nyam no ahyerɛn yɛn koma so+ ma emu ayɛ hann Kristo anim.+
7 Nanso yɛwɔ saa ademude+ yi wɔ anwenne+ mu sɛnea ɛbɛyɛ a tumi+ a ɛboro onipa de so no bɛyɛ Onyankopɔn dea,+ na ɛnyɛ yɛn ankasa dea.+ 8 Akwan nyinaa mu, wɔaka yɛn ahyɛ,+ nanso ɛnyɛ sɛ yennya yɛn ho atwaye koraa; yɛn ani atan, nanso ɛnyɛ sɛ yennya yɛn ho ntetew koraa;+ 9 wɔtaa yɛn, nanso wɔmpoo yɛn;+ wɔtow yɛn kyene,+ nanso wɔnsɛee yɛn.+ 10 Daa yɛfa awude a wɔde baa Yesu so no mu wɔ yɛn nipadua mu,+ na ama wɔayi Yesu nkwa nso adi yɛn nipadua mu.+ 11 Efisɛ yɛn a yɛte ase yi, daa Yesu nti yɛne owu bɔ mpunimpu,+ na Yesu nkwa ada adi yɛn honam a ewu no nso mu.+ 12 Enti owu yɛ adwuma wɔ yɛn mu, na nkwa yɛ adwuma wɔ mo mu.+
13 Na esiane sɛ yɛwɔ gyidi honhom koro no ara te sɛ nea wɔakyerɛw ho asɛm sɛ: “Migye dii, na ɛma mekasae”+ nti, yɛn nso yegye di, enti yɛkasa, 14 na yenim sɛ nea onyan Yesu no benyan yɛn nso aka Yesu ho, na wayi yɛne mo akyerɛ.+ 15 Nea asi nyinaa, mo yiyedi ntia,+ sɛnea ɛbɛyɛ a nnipa pii aseda nti adom a abu abɔ ho no bɛkɔ so aboro so de ahyɛ Onyankopɔn anuonyam.+
16 Enti yɛmpa abaw, na sɛnea yɛte wɔ nnipa ani so no resɛe mpo a, sɛnea yɛte wɔ yɛn mu+ no de, ɛyɛ foforo da biara da. 17 Na ahohia no yɛ bere tiaa mu de+ na ɛyɛ hare de, nanso ɛde anuonyam a emu yɛ duru koraa a ɛtena hɔ daa+ brɛ yɛn; 18 na yɛmfa yɛn ani nsi nneɛma a wohu so, na mmom nneɛma a wonhu+ so. Efisɛ nneɛma a wohu no yɛ bere tiaa mu de,+ na nneɛma a wonhu no tena hɔ daa.+