Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w85 7/1 kr. 20-25
  • So Nea Nnipa Atumi Ayɛ Betumi Asiw Ɔhaw A Ɛbɛba Ano?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Nea Nnipa Atumi Ayɛ Betumi Asiw Ɔhaw A Ɛbɛba Ano?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1985
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Wontumi Nyɛɛ Nneɛma Atitiriw A Ɛho Hia
  • Wontumi Nsiw Ohia Ano
  • Tumi A Mfiridwuma Ho Nimdeɛ Anya Wɔ Akodi So
  • Nea Enti A Nnipa Mmɔdenbɔ Ahorow Nyɛ Yiye
  • Satan Nkɛntɛnso
  • Anidaso Bɛn?
  • Gyidi Ne Wo Daakye
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
  • Ɛhe Na Nokware A Ebetumi Ama Yɛade Yɛn Ho No Wɔ?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1983
  • So Wiase Yi Betumi De Biakoyɛ Aba?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1984
  • Amanehunu Ho Kwan A Onyankopɔn Ama No Awiei Abɛn
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1985
w85 7/1 kr. 20-25

So Nea Nnipa Atumi Ayɛ Betumi Asiw Ɔhaw A Ɛbɛba Ano?

“Enni ɔbarima nsam, sɛnea ɔnom a obetutu n’anammɔn.”​—Yeremia 10:23.

1, 2. Nneɛma a adesamma atumi ayɛ wɔ afeha a ɛtɔ so 20 yi mu bi ne nea ɛwɔ he?

ADESAMMA atumi ayɛ nneɛma ahorow a ɛyɛ nwonwa wɔ yɛn afeha a ɛto so 20 yi mu. Nkɔso kɛse aba wɔ nhomasua, nyansahu, ne mfiridwuma ho nimdeɛ mu. Ɛnnɛ nnipa pii nya eyi mu mfaso wɔ wɔn da biara da asetra mu. Wɔ nsase ahorow pii so no, wɔwɔ nnɛyi nneɛma ahorow te sɛ anyinam ahoɔden nkanea, ɔdorobɛn mu nsu, ne nneɛma afoforo a ɛboa wɔ wɔn afi mu. Afei nso, aduruyɛ mu nyansahu reboa ma wɔadi nyarewa ahorow a na bere bi ɛyɛ hu, te sɛ mpete, so nkonim.

2 Nkitahodi ne akwantu ho nsɛm nso anya nkɔso kɛse. Ɛdenam telefon, lɔre ahorow, keteke, ne wimhyɛn ahorow so no, yɛne afoforo tumi di nkitaho ntɛm ara anaasɛ yetumi du mmeae horow a yɛrekɔ ntɛm sen sɛnea yɛn nananom susuw ho pɛn. Ɛnnɛ, wobetumi ama yɛate anaasɛ yɛahu nneɛma a ɛrekɔ so wɔ wiase no fã foforo amonom hɔ ara denam ahunmu afiri a wɔde kyere nsɛm so.

Wontumi Nyɛɛ Nneɛma Atitiriw A Ɛho Hia

3, 4. Nneɛma atitiriw a ɛho hia bɛn na nnipa ntumi nyɛe, sɛnea wɔka too hɔ nokwarem wɔ Bible nkɔmhyɛ mu no?

3 Nanso, nuklea ɔsɛe ho hu a ɛwɔ hɔ bere nyinaa no haw adesamma, na ɛkame ayɛ sɛ nneɛma atitiriw bi a ɛho hia wɔ hɔ a nnipa ntumi nyɛe. Sɛ nhwɛso no, so nkɔso a aba wɔ nhomasua mu no ama nkɔso aba saa ara wɔ nnipa a wɔbɛtete wɔn ma wɔadi nokware na wɔabu bra pa kɛse no mu? Wɔ United States no, ka a wɔbɔ wɔ tow gyigye mu esiane nsisi nti no boro dɔlla ɔpepepem 100 afe biara. Wɔ ɔman foforo so, wɔ wɔn kurow kɛse biako pɛ mu no, wɔbɔ amanneɛ sɛ woyii polisifo 17,000 adi wɔ mfe ason mu esiane nneɛma bɔne a wɔyɛe nti. Nokwaredi a enni hɔ yi ma yɛkae Bible nkɔmhyɛ a ɛwɔ 2 Timoteo ti 3, faako a ɛka too hɔ sɛ wɔ “nna a edi akyiri” yi mu no, nnipa bɛyɛ ‘ahopɛfo, sikapɛfo, atorofo, wɔn a wɔmpɛ papa’ no.

4 Afei ɔbrasɛe a ɛyɛ ɔbarima ne ɔbea nna de nso wɔ hɔ. Awaresɛe ne aguamammɔ abu so araa ma wɔ mmeae ahorow pii no, wɔntaa nhu sɛ woyi mmusua ahorow a wobu bra pa wɔ sini mu ne television so dwumadi ahorow mu na saa ara na ɛte wɔ agorudi anaa anansesɛm nhoma ahorow mu. Na ɔbrasɛe ka ho nti na afe biara mmea bɛyɛ ɔpepem 55 yi nyinsɛn gu wɔ wiase no! Eyi yɛ nnipa a wɔdɔɔso sen nnipa dodow a wɔwɔ Argentina, anaa Canada, anaa France, anaa Poland, anaa aman afoforo 145 mu a wokunkum wɔn​—afe biara! Enti bere a aduruyɛ mu nyansahu fã bi bɔ ose wɔ nkɔso a aba a wɔde gye mmofra nkwa ho no, ne fã foforo nso kunkum ɔpepem pii a wonnya nwoo wɔn. Sɛnea Bible ka too hɔ no, wɔ “nna a edi akyiri” yi mu no, nnipa pii ayɛ wɔn a ‘wɔnhyɛ wɔn akɔnnɔ so’ na “wonni dɔ.”​—2 Timoteo 3:3.

5. Nyarewa ahorow a ɔbrasɛe a abu so nnɛ no de aba no bi ne nea ɛwɔ he?

5 Ɔbrasɛe rema mmaninyare a ɔbarima ne ɔbea nna mu nneyɛe bɔne na ɛde ba adɔɔso. Emu pii wɔ hɔ a aduru biara ntumi nsa mprempren. Mmaninyare a emu atrɛw kɛse a wɔfrɛ no borɔfo mu genital herpes yɛ nea wonnya nyaa ano aduru biara. Na nkokoaa a wɔwo wɔn a wɔanya yare yi bi a wonya fii ɛnanom a ebi akã wɔn nkyɛn no dodow akɔ soro kɛse. Saa nkokoaa yi mu bɛyɛ fã wuwu, na wɔn a wɔka no mu fã yɛ wɔn a wɔadidi dɛm wɔ nipadua anaa adwene mu. Na saa ara na ɛde besi mprempren no, wonnya nyaa AIDS (ɔyare foforo bi a nipadua no ntumi nko ntia) , ɔyare bɔne a ama nnuruyɛfo ho adwiriw wɔn no, ano aduru. Anyɛ yiye koraa no AIDS apue wɔ aman 33 so, na Associated Press ka sɛ “ɛyɛ akwahosan ho asɛm a ɛyɛ hu ma wiase nyinaa mprempren.” Mmarima a wɔne wɔn ho da na akã wɔn titiriw, na ɛma yɛkae Romafo 1:27.

6. So aduruyɛ mu nyansahu asiw kɔ a nyarewa rekɔ so wɔ wiase nyinaa no ano?

6 Aduruyɛ mu nyansahu rentumi nsiw nyarewa afoforo pii a ɛrenya nkɔso no ano. Wɔ Afrika nkutoo no, atiridii, ntɔnkomada, kwata, ne nyarewa afoforo kã ɔpepem pii. Wɔ aman a wɔanya nkɔso no mu no, akisikuru, komayare, asikreyare ne afoforo pii a ɛka ho renya nkɔso. Eyinom mu bi ba anaasɛ emu bɛyɛ den esiane nnɛyi mfiridwuma ho ɔhaw ahorow no nti. Ɛkã afoforo nso esiane ɔbra a wɔpɛ a wobu nti.

7. So ebetumi aba sɛ nkɔso, a aba wɔ aduruyɛ mu no bɛma yɛanya akwahosan pa bere nyinaa?

7 Sɛ wotumi di nyarewa ahorow pii no so a, so aduruyɛ mu nyansahu betumi ama yɛanya akwahosan pa bere nyinaa? Nyansahufo pii ka sɛ, dabi. Wɔkyerɛ sɛ bere a ebia wobetumi de mfe kakraa aka nkwa-nna no ho no, nyarewa afoforo bɛba abɛyɛ nea ekunkum nnipa pii. Nyansahufo bi kae sɛ: “Anidaso kakraa bi na ɛwɔ hɔ sɛ wobetumi ama nkwa mfe akɔ anim kɛse anaasɛ wɔbɛma akyɛ kakra ansa na obi abɔ akwakora anaa aberewa wɔ daakye a ɛda yɛn anim pɛɛ no mu.” Bible no kae nokwarem bere tenten a atwam ni wɔ Dwom 90:10 sɛ: “Yɛn mfirihyia mu nna, emu wɔ mfe aduɔson, na sɛ ɛboro so a na ɛredu aduɔwɔtwe, na emu ahohoahoade yɛ ɔbrɛ ne ahuhude, na etwam ntɛm so.”

Wontumi Nsiw Ohia Ano

8. Ɔkwan bɛn so na Bible no ka too hɔ nokwarem sɛ mfiridwuma ho nimdeɛ rentumi nyi ohia mfi hɔ?

8 Ampa, mfiridwuma ho nimdeɛ ama asetra ayɛ yiye kɛse ama nnipa binom. Nanso afoforo pii nni sika a ɛdɔɔso a wɔde bɛtotɔ mfiri ahorow a wɔayeyɛ yi. Nhoma a wɔfrɛ no World Military and Social Expenditure 1983 no bɔɔ amanneɛ sɛ: “Nnipa 2,000,000,000 wɔ hɔ a wɔn mu biara sika a onya afe nnu Amerika sika dɔla 500.” Ɛtoaa so sɛ: “Anyɛ yiye koraa no, nnipa baanum biara mu biako di hia koraa, ohia buroburo a ɛte sɛ nea wɔretɔre wɔn ase.” Afei ɛkae sɛ afe biara “nkokoaa a wonnii afe 11,000,000 wuwu” esiane aduan pa a wonnya nni anaa nyarewa nti.​—Adiyisɛm 6:5-8.

9. Tebea a ɛyɛ awerɛhow bɛn na ɛrekɔ so wɔ nsase pii so?

9 The Detroit News ka sɛ, wɔ aman binom so no, “mmea pii hu sɛ wɔwɔ mma a wɔdɔɔso dodo a wonni ɔkwan biara a wɔbɛfa so ahwɛ wɔn. . . . mpɛn pii ɛnanom a wɔte sɛɛ gyaw mmofra a wɔmpɛ wɔn no . . . wɔ mmorɔn so.” Mmofra a wɔte sɛɛ ɔpepem pii wɔ hɔ. Mmeae afoforo nso, wogyaw awofonom hɔ. Nsɛnkyerɛwfo bi a ofi Asia kyerɛwee sɛ: “Wɔrepam nnipa a wɔn mfe akɔ anim no ɔpepem pii afi wɔn afi mu efisɛ wɔn abusuafo ntumi mma wɔn aduan bio. Dwumadibea a ɛhwɛ yiyedi ho nsɛm so a ɛde mmoa bɛma biara nni hɔ. Mpɛn pii nnipa a wɔanyinyin yi mma de wɔn tra keteke mu na wokogyaw wɔn si baabi anaasɛ wogyaw wɔn wɔ keteke gyinabea.” Ɔkyerɛwfo no de ka ho sɛ: “Nsakrae a ɛyɛ ahobow bɛn ara na aba wɔ ɔman a na ɛwɔ obu kɛse ma mpanyimfo mu sɛɛ yi.” Enti wɔahu nokware a Mmebusɛm 30:11 yɛ no wɔ yɛn bere yi mu, a ɛhɔ ka sɛ: “Nnipa bi wɔ hɔ a wɔdome wɔn agya, na wonhyira wɔn na.”

10. Wiase no sikasɛm gyinabea mu den te dɛn, na ɛma yɛkae Yesu nkɔmhyɛ bɛn?

10 Nnipa nniso horow rentumi nni wiase nyinaa ohia no ho dwuma. Aman ahorow a afei na wɔrenya nkɔso no dede akaw akɛse akɛse a wontumi ntua, na ɛkɔ soro bere nyinaa. Aman a wɔanya nkɔso no mpo dede akaw saa ara. Sɛ́ eyi ho nhwɛso no, sikakorabea ahorow pii bɔɔ ka wɔ United States afe a etwaam no. Bere a akɛse no biako ho kãe no, ɛyɛ aban ho a ɔde gyee mu, maa wɔn dɔla ɔpepepem pii no na egyee no nkwa. Nea na wosuro ne sɛ, sɛ sikakorabea kɛse a ɛte sɛɛ bɔ ka a, “ɛbɛka sikakorabea afoforo nso na ɛbɛma sikasɛm nhyehyɛe no nyinaa ho aba asɛm,” saa na The New York Times bɔɔ amanneɛ. Enti, ɛreyɛ den kɛse sɛ wobesiw ɔhaw a ɛbɛba ano. Nokwarem no, wɔ afe biara mu no, asɛm a England Guardian kae no bam kɛse: “Wiase no abɛn nnipa ɔhaw ne amammuisɛm mu ɔsɛe a ɛbɛba . . . Nsasepɔn ahorow ahu sɛ wonni anidaso biara ma daakye.”​—Luka 21:25, 26.

Tumi A Mfiridwuma Ho Nimdeɛ Anya Wɔ Akodi So

11. Ɔhaw foforo a nniso horow no rentumi nyi mfi hɔ bɛn na mfiridwuma ho nimdeɛ ama emu ayɛ den kɛse?

11 Mfiridwuma ho nimdeɛ ama biribi foforo a nniso horow no ntumi nsiw ano mu ayɛ den: akodi. Ɛyɛ mfiridwuma ho nimdeɛ na ɛmaa Wiase Ko I kunkum nnipa pii denam atuo akɛse, po so akohyɛn, ne wim akohyɛn so no. Britaniani ɔkyerɛwfo Richard Rees kae sɛ: “1914-18 ɔko no daa nokwasɛm ahorow abien adi: nea edi kan no, mfiridwuma ho nimdeɛ mu nkɔso adu baabi a sɛ ebetumi akɔ so a ɛmfa ɔsɛe bi mma a, gye sɛ wiase no yɛ biako, na nea etia abien no, amammui ne asetra mu nsɛm ahyehyɛde ahorow a ɛwɔ wiase no mu no mma biako a ɛbɛyɛ no ntumi nyɛ yiye.” Wiase Ko II maa n’asɛm yi yɛɛ nokware, bere a wɔde akode afoforo kunkum nnipa bɛyɛ ɔpepem 55 no.

12. Dɛn na adesamma abusua no suro nnɛ?

12 Ɛnnɛ akode ahorow no tumi sɛe ade kɛse, na nniso ahorow no mu apaapae kɛse. Ɛdefa nuklea akode ho no, ɔkyerɛwfo Herman Wouk kae sɛ: “Nimdeɛ, ahoɔden, ne sika a wɔsɛe no wɔ . . . abɔdamsɛm yi ho no ma obi ho dwiriw no ampa. Sɛ amanaman no ansua akodi bio a, biribiara nni hɔ a adesamma rentumi nyɛ.” Ɔsoro abɔde ho ɔdenimfo Carl Sagan kae wɔ nuklea ɔko ho sɛ: “Akyinnye kɛse nni ho sɛ yɛn wiase nyinaa anibue no yɛ nea wɔbɛsɛe no.” Na bere a wiase nyinaa ɔhaw a ɛbɛba yi ho hu da adesamma abusua no so no, ntawntawdi afoforo pii kunkum nnipa pii. United States dwumadibea bi bɔɔ amanneɛ sɛ wɔ 1984 mu no na akodi ne atuatew ahorow 42 rekɔ so wɔ bere koro mu! Nniso ahorow no rentumi nsiw nsɛmmɔnedi ne basabasayɛ a ɛkɔ so wɔ wɔn ankasa asase so no ano na mene sɛ ɛde wiase nyinaa asomdwoe bɛba.

13. So wiase nyinaa basabasayɛ a ɛwɔ yɛn bere yi mu no ne Bible nkɔmhyɛ hyia?

13 Eyi nyinaa fata nkɔmhyɛ a ɛwɔ Adiyisɛm 6:4 a ɛfa ‘apɔnkɔ sotefo baanan a wɔka wɔn ho asɛm wɔ Adiyisɛm’ no ho no fi 1914: “Na ɔpɔnkɔ foforo kɔkɔɔ bi fii adi, na wɔmaa nea ɔte no so no ahoɔden sɛ ommeyi asomdwoe mfi asase so na wonkunkum wɔn ho wɔn ho, na wɔmaa no nkrante kɛse bi.”

Nea Enti A Nnipa Mmɔdenbɔ Ahorow Nyɛ Yiye

14, 15. Dɛn titiriw nti na nnipa ntumi nnu wɔn botae ahorow ho nnɛ no?

14 Dɛn nti na ɛsɛ sɛ obi suro sɛ nea nnipa atumi ayɛ no rentumi nsiw ɔhaw a ɛbɛba ano? Ampa, dɛn nti na nnipa ntumi nnu wɔn botae ahorow ho? Bible no kyerɛ nea enti a ɛte saa no titiriw biako: “Ɛnam onipa biako so na bɔne baa wiase, na owu nam bɔne so bae, saa na ɛyɛe na owu trɛw kaa nnipa nyinaa, efisɛ wɔn nyinaa ayɛ bɔne.” (Romafo 5:12) Wɔbɔɔ yɛn awofo a wodi kan, Adam ne Hawa, a wɔyɛ pɛ wɔ nipadua ne adwene mu. Nanso na saa pɛyɛ no gyina di a wobedi Onyankopɔn mmra horow a mfaso wɔ so no so. Wɔ saa mmara horow no mu no, wɔmaa wɔn ahofadi pii a wɔde bɛpaw nea wɔpɛ. Nanso Genesis ti 3 kyerɛ yɛn sɛ yɛn awofo a wodi kan no yɛɛ nea wɔpɛ a ɛtra so dodo. Wɔpɛe sɛ wɔbɛde wɔn ho afi Onyankopɔn ne ne mmara horow ho, na na wɔpɛ sɛ wosi nea ɛteɛ ne nea ɛnteɛ ho gyina ma wɔn ho, tumi a ɛyɛ Onyankopɔn nkutoo de no. Bere a wɔapaw ɛno akyi no, wɔyɛɛ nea wɔn ankasa pɛ. Bible no ka sɛ: “[Yehowa] ne mo te, sɛ mo ne no te yi . . . na sɛ mugyaw no a, obegyaw mo.” (2 Beresosɛm 15:2) Esiane sɛ na Adam ne Hawa atwe wɔn ho afi Onyankopɔn ho nti, wofii ase gurowii. Ɔyare, awerɛhow, ne awiei koraa no, owu, baa wɔn so.​—Genesis 2:16, 17.

15 Bere a yɛn awofo a wodi kan no bɛyɛɛ wɔn a wɔtɔ sin akyi no, awosu mu mmara ahorow no maa wɔn asefo nso bɛyɛɛ wɔn a wɔnyɛ pɛ. Odwontofo no gye toom sɛ: “Hwɛ, wɔwoo me amumɔyɛ mu, na bɔne mu na me na nyinsɛn me.” (Dwom 51:5) Ɔkwan biara nni hɔ a aduruyɛ mu nyansahufo bɛfa so atumi adi nea sintɔ a yenya fii awo mu no de aba no so. Sɛ́ wɔbɛhwehwɛ ɔkwan bi a wɔbɛfa so ayi ɔyare ne owu afi hɔ no yɛ hwehwɛ a wɔhwehwɛ biribi a nnipa rentumi nyɛ​—da biara da.

16. Ɔkwan bɛn so na sintɔ akã adesamma adwene?

16 Sintɔ a yenya fii awo mu no kã sɛnea yɛn adwene te no nso. Wɔwo yɛn nyinaa a nea yɛpɛ sɛ yɛyɛ ne adebɔne. Na eyi nkyerɛ sɛ nnipa rentumi nni wɔn nneyɛe ahorow so. Sɛ wɔde akwankyerɛ pa di dwuma a, wobetumi. Mmebusɛm 3:6 kyerɛ eyi, sɛ: “Hu [Yehowa] w’akwan nyinaa mu, na ɔno na ɔbɛteɛ w’akwan.” Nanso, sɛ nnipa pow nteɛso pa no a, wɔkɔ ɔhaw kɛse mu. Na dodow a ankorankoro ne aman ahorow twe wɔn ho fi Onyankopɔn mmara ho no, dodow no ara na wɔyɛ ade wɔ ɔsɛe kwan so de ma pɛsɛmenkominya su a wɔde woo wɔn no nya nkɔso. Ɛdefa eyi ho no, New York Times samufo asɛm bi kae sɛ: “Ɛyɛ den sɛ wubetumi ahwɛ nnɛyi nsɛm ho amanneɛbɔ mu a wummisa faako a wiase no rekɔ. . . . Hwɛ nea ɛba bere a nnipa, ahyehyɛde ne aman ahorow de wɔn pɛsɛmenkominya nneɛma a wɔn ani gye ho di biribi foforo biara anim no. Nea ɛyɛ nokwasɛm wɔ aman ahorow nyinaa so ne sɛ, pɛsɛmenkominya a wɔde yɛ ade nyɛ nea etumi yɛ yiye.”

Satan Nkɛntɛnso

17, 18. Biribi titiriw foforo bɛn na ɛboa ma yɛkyerɛkyerɛ nea enti a adesamma ntumi nnu wɔn botae ahorow ho no mu?

17 Biribi foforo a ɛboa ma yɛkyerɛkyerɛ nea enti a nnipa ntumi nnu wɔn botae ahorow ho na wonsiw ɔhaw a ɛbɛba ano no mu ne tumi bi a wohu wɔ 2 Korintofo 4:4 a ɛka “wi yi ase nyame” ho asɛm no. Ebia ebinom a wonnim nea Bible no ka besusuw sɛ onyame a wɔka ne ho asɛm wɔ ha no ne Ade Nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn no. Nanso nkyekyem koro no ara de ka ho sɛ saa nyame yi “afura wɔn a wonnye nni no adwene ani.” Ampa, ɔbɔadeɛ a ɔwɔ ɔdɔ no renyɛ saa. Nyame a wɔka ne ho asɛm no ara ne nea wɔka ne ho asɛm wɔ 1 Yohane 5:19 a ɛka sɛ: “Wiase nyinaa da ɔbɔne no mu” no.

18 Wɔda onyame a odi mprempren wiase yi so no adi wɔ Adiyisɛm 12:9 sɛ “wɔfrɛ no ɔbonsam ne Satan, nea ɔdaadaa amanaman nyinaa no.” Edin Satan no kyerɛ “Ɔsɔretiafo” anaa “Ɔtamfo.” Edin ɔbonsam no kyerɛ “‘Ɔnototofo,” anaa “Ntwirifo.” Eyinom yɛ din a ɛfata, efisɛ otuatewfo a ɔwɔ honhom atrae yi na ofii Adam ne Hawa atuatew no ase. Ɔno na ɔka kyerɛɛ Hawa sɛ: ‘Wunhia Onyankopɔn mmara. Wubetumi asi nea ɛteɛ ne nea ɛnteɛ ho gyinae ama wo ho’ no. Nanso, esiane sɛ Satan twee ne ho fii Onyankopɔn ho nti, ɔbɛyɛɛ obi a n’adwene asɛe. Yebetumi ahu eyi denam ne nnwuma so, na wode hwɛ wiase a ɛhyɛ n’ase no mpo! Adesamma nsɛmmɔnedi ho abakɔsɛm no di adanse sɛ tumi bɔne bi hyɛ akyi.

Anidaso Bɛn?

19. Dɛn na nnipa binom ahyɛ ho nyansa sɛ ɛne wiase yi yare no ano aduru?

19 Ebinom a wɔahu yɛn basabasayɛ wiase no aka nsɛm ahorow a ɛyɛ anigye afa adesamma yare no ano aduru ho. The Gazette a wotintim wɔ Montreal no kae sɛ: “Ɔman amansɛmdifo akuw horow bɛyɛ 150 a wɔde wɔn anim akyerɛ mmeae ahorow ahorow rekyerɛ asase okyinsoromma no kwan akɔ basabasayɛ mu. Nanso wiase yi ɔhaw akɛse no mu pii yɛ nea ɛfa wiase no nyinaa ho, efisɛ akwantu ne nkitahodi ho nimdeɛ ama wiase no abɛyɛ ketewa te sɛ nnipakuw a wɔte faako, anaasɛ akuraa biako.” Afei ɛkamfo kyerɛ sɛ: “Ɛbɛyɛ nea wiase nyinaa nniso bi ho behia.” Asetra mu nsɛm ho ɔbenfo Erich Fromm kae sɛ wiase yare no betumi afi hɔ, “sɛ [asetra ne amammui] nhyehyɛe a atra hɔ wɔ abakɔsɛm mu mfirihyia 6000 a etwa to yi mu no nyinaa yɛ nea wobetumi de nea ɛyɛ soronko koraa asi ananmu a.”​—Yɛn na yɛde nkyerɛwde soronko akyerɛw afã bi no.

20. (a) Dɛn nti na wɔrennya nea wɔpɛ no denam nnipa mmɔdenbɔ ahorow so? (b) Hena na ɛsɛ sɛ yɛde yɛn ho to no so ma daakye?

20 Saa nnipa yi nhu, nanso asetra ne amammui nhyehyɛe no nyinaa yɛ nea wɔde ‘nea ɛyɛ soronko koraa besi ananmu’! Ɛrenkyɛ wiase nyinaa nniso biako pɛ na ɛbɛwɔ hɔ ama adesamma nyinaa. Nanso ɛnyɛ nnipa mmɔdenbɔ so na ɛnam bɛba. Nnipa nkutoo antumi anyi ɔhaw ahorow amfi hɔ. Ɛda adi sɛ wɔrentumi mfa nneɛma nhyehyɛe papa nsi nea ɛwɔ hɔ mprempren yi ananmu sɛnea abakɔsɛm ama ada adi no. Wɔrentumi nyi sintɔ a yenya fii awo mu, ɔyare, ne owu mfi hɔ. Na wɔrentumi nyi Satan ne n’adaemone no mfi hɔ. Mmom no, nnipa nneyɛe wɔ mmere a atwam no mu ama asɛm a efi honhom mu no ayɛ nokware. “Enni ɔbarima nsam, sɛnea ɔnam a obetutu n’anammɔn.” (Yeremia 10:23) Enti Onyankopɔn Asɛm no tu fo sɛ: “Mommfa mo ho nto ahene anaa onipa ba a nkwagye bi nni ne mu so.” (Dwom 146:3) Ɛnde, hena na ɛsɛ sɛ wonya ne mu ahotoso? Mmebusɛm :5 ka sɛ: “Fa wo koma nyinaa bata [Yehowa] na mfa wo ho ntweri wo nhumu.” Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yenya Yehowa mu ahotoso saa? Efisɛ obetumi ayɛ nea onipa ntumi nyɛ sɛnea asɛm a edi hɔ no bɛkyerɛ no.

Ntĩmu Nsemmisa

◻ Nneɛma atitiriw a ɛho hia bɛn na nnipa antumi anyɛ?

◻ Ɔkwan bɛn so na mfiridwuma ho nimdeɛ ama nea ɔko de ba no mu ayɛ den?

◻ Dɛn nti na nnipa mmɔdenbɔ ahorow ntaa nyɛ yiye?

◻ Esiane kyerɛwtohɔ a onipa wɔ no nti, dɛn ne ɔkwan a nyansa wom a ɛsɛ sɛ wɔfa so?

[Kratafa 21 mfoni]

Aduruyɛ mu nyansahu antumi ansiw kɔ a nyarewa ne owu rekɔ so no ano

[Kratafa 22 mfoni]

Nnipa nniso horow rentumi nyi ohia mfi wiase nyinaa

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena