Gyidi Ne Wo Daakye
“Gyidi ne ade a yɛn ani da so ho ahotoso.”—HEBRIFO 11:1.
1. Daakye bɛn na nnipa dodow no ara hwehwɛ?
SO DAAKYE ho asɛm hia wo? Ehia nnipa dodow no ara. Nea wɔhwɛ kwan ne daakye a asomdwoe wom, nea ehu nnim, na asetra pa, adwuma a ɛsow aba na ɛyɛ anigye, akwahosan pa, ne nkwa tenten wom. Akyinnye biara nni ho sɛ awo ntoatoaso a abɛsen kɔ nyinaa ahwɛ nneɛma a ɛtete saa kwan. Na wɔ wiase a ɔhaw ahyɛ mu ma nnɛ yi mu no, wɔhwɛ tebea a ɛtete saa kwan sen biara.
2. Ɔkwan bɛn so na ɔmanyɛfo bi kaa daakye ho adwene bi ho asɛm?
2 Bere a adesamma rebɛn afeha a ɛto so 21 no, so ɔkwan bi wɔ hɔ a wobetumi afa so akyerɛ nea daakye bɛyɛ? Bɛboro mfe 200 a atwam ni no, Amerikani ɔman soafo Patrick Henry, kyerɛɛ ɔkwan biako. Ɔkae sɛ: “Minnim ɔkwan biara a metumi afa so akyerɛ nea ɛbɛba daakye, gye sɛ mehwɛ nea atwam no.” Sɛnea adwene yi kyerɛ no, nea nnipa ayɛ atwam no titiriw na wobetumi agyina so ahu adesamma abusua no daakye. Nnipa pii gye saa nsusuwii no tom.
Ná Bere a Atwam no Te Dɛn?
3. Dɛn na abakɔsɛm ada no adi wɔ daakye anidaso ho?
3 Sɛ daakye bɛkɔ sɛnea mmere a atwam no yɛe a, so ɛhyɛ wo nkuran? So awo ntoatoaso a atwam no nyinaa daakye sii wɔn yiye? Ɛnte saa ankasa. Ɛmfa ho anidaso a nkurɔfo anya wɔ mfe mpempem pii mu, ne honam fam nkɔso a aba wɔ mmeae bi no, nhyɛso, nsɛmmɔnedi, basabasayɛ, akodi, ne ohia na ahyɛ nnipa abakɔsɛm mu ma. Wiase yi ahyia amanehunu ntoatoaso, a nnipa ne wɔn nniso ahorow a entumi nni wɔn asɛyɛde ho dwuma yiye no na ɛde ba titiriw. Bible ka ma ɛfata sɛ: “Onipa di onipa so tumi ma ɛdan no bɔne.”—Ɔsɛnkafo 8:9.
4, 5. (a) Dɛn nti na na nkurɔfo hwɛ nneɛma pa kwan wɔ afeha a ɛto so 20 no mfiase? (b) Dɛn na ɛbaa daakye ho anidaso a na wɔwɔ no so?
4 Nokwasɛm no ne sɛ nsɛm a enye a esisii wɔ adesamma abakɔsɛm mu no san ba bio bere nyinaa—nanso ɛyɛ akɛse na ɛsɛe nneɛma pii sen kan de no. Afeha a ɛto so 20 yi di ho adanse. So adesamma asua biribi afi mu akwati mfomso a wodii wɔ bere a atwam no mu? Wiɛ, wɔ afeha yi mfiase no, na nnipa pii nyaa gyidi sɛ daakye a eye bɛba efisɛ na wɔanya asomdwoe bere tenten, na na wɔanya mfiridwuma, nyansahu ne nhomasua mu nkɔanim. Wɔ 1900 mfe no mfiase no, sukuupɔn mu kyerɛkyerɛfo bi kae sɛ, na wogye di sɛ ɔko yɛ ade a entumi mma bio, efisɛ, “na nnipa ani abue kɛse.” Kan Britania ɔman soafo panyin bi kaa adwene a na nkurɔfo kura saa bere no ho asɛm sɛ: “Biribiara bɛkɔ so ayɛ yiye. Eyi ne wiase a wɔwoo me toom.” Nanso afei ɔkae sɛ: “Mpofirim ara, ne nyinaa baa awiei anɔpa bi wɔ 1914 mu a na wɔnhwɛ kwan.”
5 Ɛmfa ho sɛ na nkurɔfo gye di sɛ nneɛma bɛkɔ yiye daakye no, afeha foforo no mfiase pɛɛ na wiase no hyɛnee amanehunu a nnipa de ba a na ɛsen biara a aba pɛn mu—Wiase Ko I. Sɛ́ ɛho nhwɛso biako no, susuw nea esii wɔ 1916 mu wɔ ɔko biako mu bere a Britania asraafo tow hyɛɛ Germany asraafo dɔm so wɔ baabi a ɛbɛn Somme Asubɔnten wɔ France no ho hwɛ. Britania asraafo 20,000 na wowuwui wɔ nnɔnhwerew kakraa bi mu, na wokunkum Germanfo pii. Mfe anan awudi no kunkum asraafo bɛyɛ ɔpepem du ne ɔmanfo pii. Esiane sɛ mmarima pii hweree wɔn nkwa nti, Fransefo dodow so kɔɔ so tewee kosii bere bi. Sikasɛm sɛee, na ɛde 1930 mfe no mu Sikasɛm mu Ahokyere no bae. Ɛnyɛ nwonwa sɛ nnipa binom aka sɛ ɛda a Wiase Ko I hyɛɛ ase no na wiase no bɔɔ dam!
6. So asetra yɛɛ yiye wɔ Wiase Ko I no akyi?
6 So eyi ne daakye a na saa awo ntoatoaso no hwɛ kwan? Dabi, ɛnte saa koraa. Wɔn anidaso sɛee koraa; saa ara nso na eyi nyinaa amfa biribi pa biara amma. Wiase Ko I akyi mfe 21 pɛ, anaa wɔ 1939 mu no, amanehunu a nnipa de ba a na ɛsen saa fii ase—Wiase Ko II. Ekunkum mmarima, mmea ne mmofra bɛyɛ ɔpepem 50. Atopae pii a wɔtotowee no sɛee nkuropɔn pasaa. Wɔ Wiase Ko I no mu no, wokunkum asraafo mpempem pii wɔ ɔko biako mu nnɔnhwerew kakraa bi mu, bere a wɔde atom atopae abien pɛ kunkum nnipa bɛboro 100,000 wɔ anibu kakraa bi pɛ mu wɔ Wiase Ko II no mu. Nea nnipa pii bu no sɛ na enye koraa ne nnipa ɔpepem pii a wɔhyɛɛ da kunkum wɔn wɔ Nasi nneduaban mu no.
7. Dɛn na akɔ so wɔ afeha yi nyinaa mu?
7 Nhoma pii ka sɛ, sɛ yɛde nnipa a wɔawuwu wɔ aman ntam akodi, ɔmanko ahorow, ne ɔmanfo a wɔn ankasa nniso akunkum wɔn mu no bom a, nnipa a wɔakunkum wɔn wɔ afeha yi mu no bɛyɛ ɔpepem 200. Nhoma bi mpo ka sɛ ɛbɛyɛ ɔpepem 360. Hwɛ ahude a ne nyinaa yɛ—ɛyaw, nusu, awerɛhow, ne nkwa a wɔsɛe no! Afei nso sɛ wɔkyekyem pɛpɛɛpɛ a, ohia ma nnipa bɛyɛ 40,000 a wɔn mu dodow no ara yɛ mmofra wuwu da biara. Dodow a wɔnam yafunu a wotu gu so kunkum wɔn da biara no boro saa mmɔho abiɛsa. Bio nso, ahia nnipa bɛyɛ ɔpepepem biako araa ma wonnya aduan a wobedi de ayɛ da koro adwuma. Tebea horow yi nyinaa yɛ nea wɔka siei wɔ Bible nkɔmhyɛ mu a ɛkyerɛ sɛ yɛte nhyehyɛe bɔne yi “nna a edi akyiri” mu.—2 Timoteo 3:1-5, 13; Mateo 24:3-12; Luka 21:10, 11; Adiyisɛm 6:3-8.
Nnipa Nnyaa Ano Aduru Biara
8. Dɛn nti na nnipa akannifo ntumi nnya wiase haw ahorow ano aduru?
8 Bere a afeha a ɛto so 20 yi bɛn n’awiei no, yebetumi de emu osuahu aka mfehaha a atwam no mu de ho. Na dɛn na saa abakɔsɛm no kyerɛ yɛn? Ɛkyerɛ yɛn sɛ nnipa akannifo ntumi nnii wiase haw atitiriw ho dwuma da, na ɛnyɛ nea wɔredi ho dwuma mprempren, na saa ara na wɔrenni ho dwuma daakye. Ɛyɛ ade a ɛboro wɔn ahoɔden so sɛ wɔbɛma yɛn nsa aka daakye a yɛhwɛ kwan no, ɛmfa ho adwempa a ebia wɔwɔ. Na ebinom a wodi tumi no nni adwempa; ɛnyɛ afoforo yiyedi nti na wɔhwehwɛ dibea ne tumi, na mmom wɔn ankasa ahopɛ ne ahonya ho akɔnnɔ ntia.
9. Dɛn nti na yebetumi aka sɛ nyansahu nni adesamma haw ahorow ano aduru?
9 So nyansahu wɔ ano aduru? Sɛ yesusuw nea atwam no ho a, ɛnte saa. Aban anyansahufo asɛe sika, adagyew, ne ahoɔden pii de ayeyɛ akode a ano yɛ den a ɛsɛe mframa, nea ɛtɔre abɔde a nkwa wom ase, ne akode afoforo. Amanaman no, a wɔn a ahia wɔn ka ho, nyinaa sɛe bɛboro dɔla ɔpepepem 700 wɔ akode ho afe biara! Afei nso, nnuru a ɛsɛe mframa, asase, nsu, ne nnuan no bi fi ‘nyansahu mu nkɔso.’
10. Dɛn nti na nhomasua mpo ntumi mma yennya daakye a edi mũ?
10 So yebetumi ahwɛ kwan sɛ wiase nhomasua nteteebea horow bɛboa ma yɛanya daakye a edi mũ denam abrabɔ gyinapɛn a ɛkorɔn, tema a wobenya ama afoforo, ne yɔnkodɔ a wɔbɛkyerɛkyerɛ so? Dabi. Mmom no, wɔtwe adwene si adwuma, ne sika a wobenya so. Ɛhyɛ akansi honhom a emu yɛ den ho nkuran sen sɛ ɛbɛhyɛ biakoyɛ ho nkuran; na saa ara na sukuu ahorow no nkyerɛkyerɛ abrabɔ pa ho nsɛm. Wɔn mu pii pene ɔbarima ne ɔbea nna a anohyeto nnim, a ɛde mmofra a wonyinsɛn ne nyarewa a wonya fi nna mu aba kɛse no mmom so.
11. Ɔkwan bɛn so na nea nnwumakuw ayɛ no mfa daakye ho anidaso mma?
11 So biribi betumi aka wiase nnwumakuw akɛse no prɛko pɛ ma wɔahwɛ yɛn okyinsoromma yi so yiye ayi ɔdɔ adi akyerɛ afoforo ayɛ aguade a mfaso ankasa wɔ so nkutoo, a ɛnyɛ sika kɛkɛ a wɔpɛ nti? Ɛda adi sɛ wɔrenyɛ saa. So wobegyae television so dwumadi ahorow a basabasayɛ ne ɔbrasɛe wom a ɛsɛe nkurɔfo adwene, titiriw mmofra, no yɛ? Mfe kakraa bi a atwam no nyɛ nea ɛhyɛ nkuran koraa, efisɛ mpɛn pii na TV abɛyɛ ɔbrasɛe, ne basabasayɛ dontori.
12. Nnipa tebea wɔ ɔyare ne owu ho no te dɛn?
12 Afei nso, ɛmfa ho adwempa a nnuruyɛfo wɔ no, wontumi nni yare ne owu so. Sɛ nhwɛso no, wɔ Wiase Ko I awiei no, wɔantumi ansiw Spania influensa ano; ekunkum nnipa bɛyɛ ɔpepem 20 wɔ wiase nyinaa. Ɛnnɛ, komayare, kokoram, ne nyarewa foforo a edi awu abu so. Saa ara na nnuruyɛfo ntumi nnii nnɛyi owuyare a ɛne AIDS no so. Nea ɛne no bɔ abira no, Amanaman Nkabom amanneɛbɔ bi a wotintim wɔ November 1997 mu no kae sɛ sɛnea AIDS ɔyare mmoawa no retrɛw no yɛ kan akontaabu no mmɔho abien. Akunkum nnipa ɔpepem pii dedaw. Afe a etwaam no, AIDS yare mmoawa no kaa nnipa ɔpepem abiɛsa foforo.
Sɛnea Yehowa Adansefo Te Nka Wɔ Daakye Ho
13, 14. (a) Yehowa Adansefo te nka dɛn wɔ daakye ho? (b) Dɛn nti na nnipa ntumi mfa daakye a eye mma?
13 Nanso, Yehowa Adansefo gye di sɛ adesamma wɔ daakye a eye, nea eye sen biara! Nanso, wɔnhwɛ daakye a eye a nnipa de bɛba kwan. Mmom no, wɔde wɔn ani ato Ɔbɔadeɛ Yehowa Nyankopɔn so. Ɔno na onim sɛnea daakye bɛyɛ, na ɛbɛyɛ nea anigye wom! Onim nso sɛ nnipa ntumi mfa daakye a ɛte saa mma. Esiane sɛ Onyankopɔn na ɔbɔɔ wɔn nti, onim wɔn sintɔ ahorow sen onipa foforo biara. Ɔka kyerɛ yɛn pefee wɔ N’asɛm no mu sɛ, wammɔ nnipa sɛ wobetumi akwati ɔsoro akwankyerɛ adi wɔn ho so ama asi wɔn yiye. Ma a Onyankopɔn ama kwan ama nnipa adi wɔn ho so a ne mmoa nka ho no ama sintɔ a ɛte saa no ada adi pefee. Ɔkyerɛwfo bi kae sɛ: “Nnipa adwene asɔ tumidi nyinaa ahwɛ, nanso ankosi hwee.”
14 Wɔ Yeremia 10:23 no, yɛkenkan odiyifo a honhom kaa no no nsɛm sɛ: “[Yehowa, NW], mahu sɛ onipa kwan nni ne nsam, enni ɔbarima nsam, sɛnea ɔnam a obetutu n’anammɔn.” Afei nso, Dwom 146:3 ka sɛ: “Mommfa mo ho nnto ahene anaa onipa ba a nkwagye bi nni ne mu so.” Nokwarem no, esiane sɛ wɔwoo yɛn wɔ sintɔ mu sɛnea Romafo 5:12 kyerɛ no nti, Onyankopɔn Asɛm bɔ yɛn kɔkɔ sɛ ɛnsɛ sɛ yɛde yɛn ho to yɛn ho so nso. Yeremia 17:9 ka sɛ: “Koma wɔ hɔ yi, ɛyɛ okontomponi sen ade nyinaa.” Eyi nti Mmebusɛm 28:26 ka sɛ: “Nea ne ho da ne koma so no yɛ ɔkwasea, na nea ɔnam nyansa mu no benya aguanye.”
15. Ɛhe na yebetumi anya nyansa a ɛbɛkyerɛ yɛn kwan?
15 Ɛhe na yebetumi anya nyansa yi? “Nyansa mfiase ne [Yehowa, NW] suro, na ɔkronkronni no ho nimdeɛ ne nhumu.” (Mmebusɛm 9:10) Yehowa nkutoo na ɔwɔ nyansa a ebetumi akyerɛ yɛn kwan wɔ mmere a emu yɛ hu yi mu. Na ɔnam ne Kyerɛw Kronkron a ɔde ne honhom ma wɔkyerɛwee na akyerɛ yɛn kwan no so ama yɛn nsa tumi ka ne nyansa no bi.—Mmebusɛm 2:1-9; 3:1-6; 2 Timoteo 3:16, 17.
Adesamma Nniso Daakye
16. Hena na wakyerɛ nea daakye bɛyɛ?
16 Ɛnde dɛn na Onyankopɔn Asɛm ka kyerɛ yɛn wɔ daakye ho? Ɛkyerɛ yɛn sɛ ɔkwan biara so no, nea adesamma ayɛ bere a atwam no rennya daakye so nkɛntɛnso biara. Enti Patrick Henry adwene no nteɛ. Ɛnyɛ nnipa na wɔbɛkyerɛ nea asase yi, ne obiara a ɔte so daakye bɛyɛ, gye Yehowa Nyankopɔn. N’apɛde na ɛbɛyɛ wɔ asase so, na nyɛ wiase yi mu nnipa anaa aman bi apɛde. “Adwene pii wɔ onipa komam, nanso [Yehowa, NW] agyinatu na ebegyina.”—Mmebusɛm 19:21.
17, 18. Dɛn ne Onyankopɔn apɛde ma yɛn bere yi?
17 Dɛn ne Onyankopɔn apɛde ma yɛn bere yi? Wabɔ ne tirim sɛ ɔde mprempren nneɛma nhyehyɛe a basabasayɛ ne ɔbrasɛe wom yi bɛba awiei. Ɛrenkyɛ na wɔde nniso a Onyankopɔn ahyehyɛ abesi nnipa nniso bɔne a adi mfehaha pii no ananmu. Nkɔmhyɛ a ɛwɔ Daniel 2:44 no ka sɛ: “Ahene [a wɔwɔ hɔ nnɛ] no nna no mu no, ɔsoro Nyankopɔn bɛma ahenni [a ɛwɔ soro] a wɔrensɛe no da, na wɔrennyaw n’ahenni mma ɔman foforo bi so, na ebebubu [mprempren] ahenni horow no nyinaa ama asã, na ɛno de, ebegyina daa.” Afei nso, Ahenni no beyi Satan Ɔbonsam nkɛntɛnso bɔne afi hɔ, biribi a nnipa ntumi nyɛ da. Di a odi wiase so no bɛba awiei koraa.—Romafo 16:20; Korintofo 4:4; 1 Yohane 5:19.
18 Hyɛ no nsow sɛ ɔsoro nniso no bebubu nnipa nniso nyinaa ama asa koraa. Wɔrennyaw asase sodi mma nnipa. Wɔ ɔsoro no, wɔn a wogyina hɔ ma Onyankopɔn Ahenni no bedi asase so nsɛm nyinaa ho dwuma ama adesamma yiyedi. (Adiyisɛm 5:10; 20:4-6) Nnipa anokwafo betie Onyankopɔn Ahenni akwankyerɛ ahorow, wɔ asase so. Eyi ne nniso a Yesu kyerɛɛ yɛn sɛ yɛmmɔ ho mpae bere a ɔkae sɛ: “W’ahenni mmra, nea wopɛ nyɛ asase so, sɛnea ɛyɛ ɔsoro” no.—Mateo 6:10.
19, 20. (a) Ɔkwan bɛn so na Bible ka Ahenni nhyehyɛe no ho asɛm? (b) Dɛn na ne nniso bɛyɛ ama adesamma?
19 Yehowa Adansefo de wɔn ho to Onyankopɔn Ahenni no so. Ɛne “ɔsoro foforo” a ɔsomafo Petro kyerɛw ho asɛm no: “Sɛnea ne bɔhyɛ te no, yɛretwɛn ɔsoro foforo ne asase foforo a trenee te mu.” (2 Petro 3:13) “Asase foforo” no ne adesamma abusua a ɔsoro foforo, Onyankopɔn Ahenni, bedi so no. Nhyehyɛe yi na Onyankopɔn yi kyerɛɛ ɔsomafo Yohane wɔ anisoadehu mu ma ɔkyerɛwee sɛ: “Mihuu ɔsoro foforo ne asase foforo, na kan soro ne kan asase no atwam, . . . Na [Onyankopɔn bɛpopa] wɔn aniwam nusu nyinaa. Na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne ɛyaw bi nni hɔ bio, efisɛ kan nneɛma no atwam.”—Adiyisɛm 21:1, 4.
20 Hyɛ no nsow sɛ asase foforo no bɛyɛ nea trenee te mu. Ɔsɛe a Onyankopɔn de bɛba, Harmagedon ko no, beyi abɔnefo nyinaa afi hɔ. (Adiyisɛm 16:14, 16) Nkɔmhyɛ a ɛwɔ Mmebusɛm 2:21, 22 no ka no saa kwan yi so sɛ: “Tẽefo na ɛbɛtra asase no so, na wɔn a wɔyɛ pɛ no na ɛbɛtra mu; na wobegu abɔnefo ase afi asase so.” Na Dwom 37:9 hyɛ bɔ sɛ: “Wobeyi nnebɔneyɛfo hɔ, na wɔn a wɔtwɛn [Yehowa, NW] no, wɔn na wobenya asase no adi.” So worempɛ sɛ wobɛtra wiase foforo a ɛte saa mu?
Nya Yehowa Bɔhyɛ Ahorow mu Gyidi
21. Dɛn nti na yebetumi anya Yehowa bɔhyɛ ahorow mu ahotoso?
21 So yebetumi anya Yehowa bɔhyɛ ahorow mu gyidi? Tie nea ɔnam ne diyifo Yesaia so ka: “Mónkae kan nneɛma a efi tete no, sɛ me ara mene Nyankopɔn, na obi nni hɔ bio; mene Nyankopɔn, na nea ɔte sɛ me nni hɔ koraa. Me a mifi mfiase meka awiei asɛm, na mifi tete mmere no meka nea wɔnyɛe no, meka sɛ: Me tirimpɔw begyina, na nea ɛsɔ m’ani nyinaa mɛyɛ.” Nkyekyem 11 no fã a etwa to no ka sɛ: “Makasa, na mɛma aba mu; madwen, na mɛyɛ.” (Yesaia 46:9-11) Yiw, yebetumi anya Yehowa ne ne bɔhyɛ ahorow mu gyidi te sɛ nea bɔhyɛ ahorow no anya mmamu dedaw. Bible no ka no saa kwan yi so sɛ: “Gyidi ne ade a yɛn ani da so ho ahotoso ne nneɛma a yenhu ho adansegye.”—Hebrifo 11:1.
22. Dɛn nti na yebetumi anya ahotoso sɛ Yehowa bedi ne bɔhyɛ ahorow so?
22 Ahobrɛasefo da gyidi a ɛte saa adi efisɛ wonim sɛ Onyankopɔn bɛma ne bɔhyɛ ahorow abam. Sɛ́ nhwɛso no, yɛkenkan wɔ Dwom 37:29 sɛ: “Treneefo benya asase no adi, na wɔatra so daapem.” So yebetumi agye eyi adi? Yiw, efisɛ Hebrifo 6:18 ka sɛ: ‘Onyankopɔn ntumi nni atoro.’ So asase yɛ Onyankopɔn dea a enti obetumi de ama ahobrɛasefo? Adiyisɛm 4:11 ka sɛ: “Wo na wobɔɔ nneɛma nyinaa, na wo pɛ nti na ɛyeyɛe na wɔbɔe.” Enti, Dwom 24:1 ka sɛ: “Asase ne n’ade dodow yɛ [Yehowa, NW] dea.” Yehowa na ɔbɔɔ asase, ɛyɛ ne dea, na ɔde bɛma wɔn a wɔwɔ ne mu gyidi no. Nea ɛbɛboa ma yɛanya eyi mu ahotoso no, asɛm a edi hɔ no bɛkyerɛ sɛnea Yehowa adi ɛbɔ ahorow a ɔhyɛɛ ne nkurɔfo so wɔ bere a atwam no, ne yɛn bere yi nso mu, ne nea enti a yebetumi anya ahotoso a edi mũ sɛ ɔbɛyɛ saa daakye.
Ntimũ Nsɛm
◻ Dɛn na aba nnipa anidaso so fi teteete?
◻ Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛhwɛ kwan sɛ nnipa bɛma yɛanya daakye a eye?
◻ Dɛn ne Onyankopɔn apɛde ma daakye?
◻ Dɛn nti na yɛwɔ ahotoso sɛ Onyankopɔn bedi ne bɔhyɛ ahorow so?
[Kratafa 10 mfonini]
Bible ka ma ɛfata sɛ: “Onipa kwan nni ne nsam . . . sɛnea ɔnam a obetutu n’anammɔn.”—Yeremia 10:23
[Asɛm Fibea]
Topae: U.S. National Archives mfonini; mmofra a ɔkɔm atwitware wɔn: WHO/OXFAM; aguanfo: UN PHOTO 186763/J. Isaac; Mussolini ne Hitler: U.S. National Archives mfonini