Wo Anidaso Horow Ma Daakye Yɛ Nokware Ankasa Dɛn?
SƐ́ ABOFRA oo, ɔpanyin oo, ɔdefo oo, ohiani oo, ɔyarefo oo, ɔhoɔdenfo oo, wowɔ daakye, efisɛ asɛmfua “daakye” yi kyerɛ “bere a ɛbɛba.” Na ahoɔhare a obiara de du daakye ho no yɛ simma 60 a ɛyɛ dɔnhwerew biako no ara. Nanso nea daakye de bɛbrɛ wo gyina sɛnea wususuw ho ne ɛho nhyehyɛe a woyɛ no so.
Daakye sen bere a aka wɔ wo mprempren asetra mu no ara kwa. Sɛnea wode saa bere no di dwuma, nhyehyɛe a woayɛ ne botae horow a wode asisi wo anim no nso ka ho. Sɛnea ɔbenfo bi a ɔyɛ nneɛma ahorow kae no: “Ɛsɛ sɛ daakye hia yɛn nyinaa, efisɛ ɛhɔ na yɛn nyinaa bedi yɛn asetra nna a aka no wɔ.”
Wubu Daakye Dɛn?
Dɛn nti na nnipa pii nsusuw daakye ho ahe biara? Nneɛma ahorow pii ntia. Ebinom ni:
▪ Da biara da asetra mu dadwen ne apereperedi no mma wonnya kwan nsusuw daakye ho.
▪ “Awo ntoatoaso” a nnɛ ho nkutoo na esusuw no hyɛ nkuran sɛ, ‘dwene mprempren ho na daakye bɛdwene n’ankasa ho.’
▪ Wɔn a wodi ‘nea ɛbɛba biara bɛba’ asetra akyi no gye di sɛ nkrabea nkutoo na edi daakye so.
▪ ‘Mfaso bɛn na ɛwɔ so’ nkate no nso ma nkurɔfo aba mu bu na ɛmma wɔmfa botae horow biara nsisi hɔ mma daakye.
Na wɔn a wɔyɛ daakye ho nhyehyɛe no nso ɛ? Ebia na wɔn nhyehyɛe no nni nnyinaso pa biara, na enti wɔn daakye betumi ayɛ nea edi huammɔ. Ɔkwan bɛn so? Sɛ nhyehyɛe horow yi gyina ɔdesani nsusuwii ne mmɔdenbɔ nkutoo so na enya mmamu a, anka ebetumi akowie daakye a ɛyɛ soronko koraa wɔ nea yɛhwehwɛ ho. Tete onyansafo kyerɛwfo bi kaa eyi wɔ ɔdesani nsusuwii ho: “[Yehowa], mahu sɛ onipa kwan nni ne nsam, enni ɔbarima nsam, sɛnea ɔnam a obetutu n’anammɔn.”—Yeremia 10:23.
Sɛ ɛyɛ den ma onipa sɛ ɔbɛkyerɛ n’ankasa n’anammɔn kwan wɔ daakye ho a, ɛbɛyɛ dɛn na watumi akyerɛ afoforo kwan yiye? Ɔrentumi nyɛ saa, efisɛ nneɛma akɛse abien a ɛkyerɛ onipa adwene kwan no nyɛ pɛ. Biako ne su horow a yenya fii awo mu; na foforo no nso ne tebea a atwa yɛn ho ahyia no. Na amammui, nyamesom, sikasɛm ne asetra mu nsusuwii horow rehyɛ nnipa so bere nyinaa. Dɛn na efi mu ba? Mmɔdenbɔ a wɔdan kɔ nneɛma afoforo so de si nea ɛfa daakye ankasa ho ananmu.—Romafo 5:12; 1 Yohane 5:19.
Sɛ nhwɛso no, saa mmɔdenbɔ yi betumi ayɛ nea nsiesiei a wɔbɛyɛ ama mmofra nhomasua ka ho, a wosusuw sɛ eyi bɛma wɔatumi anya daakye pa. Nanso nkurɔfo a wɔawie sukuupɔn ahorow wɔ hɔ a wonnya adwuma nyɛ. Anaasɛ ebia na obi reyɛ adwuma denneennen mprempren sɛnea ɛbɛyɛ a obenya sika de atra ase daakye. Nanso nneɛma bo a ɛkɔ soro asɛe sika fam nhyehyɛe biara a wayɛ. Anaasɛ ebia na worehwɛ kwan sɛ wubegyae adwuma a ofie ne sika a ɛbɛma woanya honam fam ahotɔ ma woatumi atra ase anigye mu wɔ mpanyin mfe mu ka ho. Nanso owui anaasɛ asiane foforo bi betumi ama saa anidaso no afi hɔ. Anaasɛ ebia obi begye adi sɛ daakye bɛyɛ bere pa. Nanso saa “bere” no mma da.
Wo Daakye Ho Adwene A Ɛfata
Ebia wubisa sɛ, ‘mɛyɛ dɛn anya daakye a ɛfata?’ Ebia wubehu mmuae no wɔ asɛm bi a John Galsworthy a onyaa Nobel abasobɔde kyerɛwee no mu: “Sɛ wunsusuw daakye ho a wuntumi nya bi.” Di kan susuw nea daakye betumi de aba no ho yiye. Afei susuw onipa ko a wobɛpɛ sɛ woyɛ ne dekode a wopɛ sɛ woyɛ wɔ saa daakye no mu no ho. Afei yɛ nea ɛfata fa siesie wo ho ma saa botae no ho dwumadi.
Sɛ wususuw daakye ho a susuw Bible no nso ho, efisɛ ebetumi ada nneɛma bi adi a ɛbɛma daakye a wohwɛ a worenhu sɛ ɛwɔ wo anim no mu ada hɔ. Bible no afã atitiriw no bi ne sɛ ɛka nneɛma a ebesisi daakye pɛpɛɛpɛ. Etumi yɛ saa efisɛ ne Kyerɛwfo, Yehowa, yɛ nkɔmhyɛ Nyankopɔn. Ose: “Me a mifi mfiase meka awiei asɛm, na mifi tete mmere meka nea wɔnyɛe no.” (Yesaia 46:10) Enti, Onyankopɔn atirimpɔw a ɛfa daakye ho ne sɛnea ɛbɛka yɛn a yebesua no yɛ ade a ɛho wɔ mfaso ankasa a ɛsɛ sɛ yɛyɛ, ɛnte saa anaa? Sɛ yɛansusuw nkɔmhyɛ ahorow a efi honhom mu ho wɔ yɛn nhyehyɛe horow a yɛyɛ mu a yɛn anidaso horow ma daakye no betumi ayɛ adaeso ara kwa. Dɛn na Onyankopɔn aka asie a ɛsɛ sɛ yehu? So yebetumi asakra yɛn daakye nhyehyɛe ma ɛne Onyankopɔn nkɔmhyɛ ahorow ahyia?