So Wobetumi Asakra Wo Daakye?
FA NO sɛ woreyɛ nhyehyɛe ma mo abusua no nyinaa afi adi akogye mo ani wɔ baabi, bere a wim tebea ho amanneɛbɔ kyerɛ sɛ ahum kɛse bi betu. So morensakra mo nhyehyɛe no? Biribiara nni hɔ a wubetumi ayɛ de adi wim tebea no so, nanso ɛho nhia sɛ nsu hwe mo. Sɛ moyɛ nsakrae a, abusua no betumi akonya anigye wɔ baabi foforo, a ahum a ebetu no mfa ho.
Tebea no te saa ara wɔ wo daakye ne Bible nkɔmhyɛ ho. Nokwarem no, wubetumi ahu daakye denam Bible nkɔmhyɛ so. Ɛwom sɛ yɛn a yɛyɛ nnipa ntumi nsakra nneɛma a wɔahyɛ nkɔm sɛ ɛbɛba asase so no de, nanso yɛn ankasa betumi asakra yɛn nhyehyɛe horow, na yɛnam so anya daakye pa wɔ saa tebea horow no mu.
Yɛn daakye ne Bible nkɔmhyɛ yɛ nea ɛtõa mu. Sɛ yesusuw nokware a Bible nkɔmhyɛ yɛ no ho na yɛbɔ yɛn bra ma ɛne no hyia a, yɛn daakye betumi ayɛ yiye. Sɛ nhwɛso no, Yehowa Nyankopɔn ahyɛ asase a asomdwoe wɔ so, a nsɛmmɔnedi biara nni hɔ, ho bɔ. Na ɔpɛ sɛ asetra wɔ saa asase no so no yɛ yɛn daakye. Bible se: “Kari onipa a ɔyɛ pɛ, . . . saa onipa no awiei yɛ asomdwoe. Na . . . abɔnefo ase de, wobegu.” (Dwom 37:10, 11, 37, 38) So yebetumi de yɛn ho ato Onyankopɔn bɔhyɛ ahorow so? Nea edi kan no, ma yɛnhwɛ nea nkɔmhyɛ yɛ.
Dɛn Ne Nkɔmhyɛ?
Nkɔmhyɛ kyerɛ “nsɛm a efi honhom mu; ɔkasa a wofi soro de ma.” Sɛnea Vine Expository Dictionary of New Testament Words kyerɛ no, Bible nkɔmhyɛ yɛ: “Onyankopɔn adwene ne n’afotu a wɔka kyerɛ,” “nea anka wontumi mfa onipa adwene nhu a wɔka kyerɛ.” Nea ɛka ho nso ne “nea ɛbɛba a wodi kan ka kyerɛ”—abakɔsɛm a wodi kan kyerɛw ansa na aba. Na ɛyɛ asekyerɛ a edi akyiri yi—nea ɛbɛba daakye a wodi kan ka kyerɛ—ne nea ɛho hia yɛn mprempren. Momma yɛnhwɛ nkɔmhyɛ afã yi mu yiye.
Nkurɔfo ani agye daakye ho bere nyinaa. Nanso pii bebu wɔn ani agu nkɔmhyɛ fibea koro pɛ a ɛyɛ pɛ no so—Bible no. Mfe no nyinaa mu no, nnipa ɔpepem pii abɔ mmɔden sɛ wobehu nea ɛbɛba daakye denam nsoromma mu hwɛfo, adebisafo, adehufo ne ahonhonsɛmdifo afoforo nkyɛn a wɔkɔ so, na wɔde wɔn gyidi ahyɛ eyinom a wɔka nea ɛbɛba daakye kyerɛ yi mu. Nanso dɛn nti na nnipa pii de wɔn ho to nnipa so bere a wɔbɔ nokwasɛm a ɛyɛ sɛ Bible nkɔmhyɛ kura nsɛm a wɔrehwehwɛ no gu?
Nokware A Bible Nkɔmhyɛ Yɛ
Onipa ntumi nni daakye tebea horow so, na ɛsɛ sɛ ɔyɛ ho ade sɛnea ɛba no. Onyankopɔn yɛ soronko. Ne nkɔmhyɛ ahorow bam pɛpɛɛpɛ esiane nneɛma ahorow abien nti. Nea edi kan, sɛ ɔbɔadeɛ no, Yehowa nim adesamma na obetumi adi kan akyerɛ faako a wɔn nsusuwii ne wɔn nneyɛe bɛkɔ akowie. (Deuteronomium 31:21; Yesaia 46:9, 10) Nea etia abien no, Onyankopɔn betumi adannan nsɛm ani ansa na aba. Akwan abien yi nyinaa so no, n’atirimpɔw yɛ hɔ daa na nkɔmhyɛ asɛm no da adi sɛ ɛyɛ nokware daa.
Ɛdenam odiyifo Yesaia so no, Yehowa da tumi a ɔwɔ sɛ ɔbɛka nea ɛbɛba daakye na wahwɛ ma aba saa no adi, sɛ wode no toto nkogu a atoro adiyifo di wɔ eyi yɛ mu no ho a. Ose: “Nea ɔma ɔdebisafo sɛnkyerɛnne yɛ ɔkwa; . . . Nea ɔma n’akoa asɛm gyina, na ɔma n’abɔfo agyinatusɛm ba mu.”—Yesaia 44:25, 26.
Esiane sɛ Onyankopɔn ‘ma, n’akoa asɛm gyina’ nti, Kyerɛwnsɛm no aka wiase tumi horow no nnidiso nnidiso ho asɛm ato hɔ pɛpɛɛpɛ ne nsɛm a ebesisi a ɛbɛma wɔasɔre. Eyi ho nhwɛso titiriw da adi wɔ Daniel nhoma a ɛwɔ Bible mu no ti abien. Ɛha no, ɔdae bi a Babilon hene Nebukadnesar ntumi nkae ma ɔyɛ basaa. Wahaw. Na ne Kaldeafo adiyifo no mu biara ntumi nkae ɔdae no mpo na watumi akyerɛ ase. Ná wɔatotɔ mum. Daniel, sɛ́ Yehowa diyifo no, da ɔdae no ne nea ɛkyerɛ adi, bere a ɔhene de ahodwiriw tie no. Daniel se:
“Ahintasɛm a ɔhene bisa no, anyansafo, pɛadeahufo, akurukyerɛwfo, nyankonnekyerɛfo’ rentumi nkyerɛ ɔhene; nanso Onyankopɔn bi wɔ ɔsoro a oyi ahintasɛm adi, na wakyerɛ ɔhene Nebukadnesar nea ɛbɛba daakye.”—Daniel 2:27, 28.
Afei Daniel kyerɛ sɛnea aman akɛse bɛsɔre na wɔahwehwe ase daakye. Onipa honi a wohui wɔ ɔhene dae no mu no gyina hɔ ma wiase ahenni horow nnidiso, a Babilon (ti a ɛyɛ sika) , Medo-Persia (dwetɛ koko ne basa) , Hela (kɔbere yafunu ne asen) , Roma (aserɛ a ɛyɛ dade) , na Anglo-Amerika Wiase Tumi ne ne nnɛyi aman anidan akuw horow a wɔwɔ mu no (anan a ebi yɛ dade, na emu bi yɛ ɛfa) di akyi no ka ho no. Awiei koraa no, ɔsoro nniso si onipa nniso ananmu bere a Onyankopɔn soro Ahenni (ɔbo) no yam ohoni no nyinaa no.—Daniel 2:36-45; hwɛ Daniel 8:19-25 nso.
Sɛnea ɛbɛyɛ na yɛahu pɛpɛɛpɛ a Bible mu nkɔmhyɛ no yɛ bio no, susuw saa nhwɛso yi ho: Yɛmfa no sɛ obi a wagye din ka biribi a ebesi wɔ mfe 200 a ɛreba no mu, wɔ afe 2184 mu ho asɛm. Nkɔmhyɛ no ne sɛ:
▪ Asraafo akodi kɛse: Aman a wɔwɔ mu no bɛba abɛyɛ wiase tumi horow a wɔne wɔn ho di asi, na nea ebefi mu aba bɛsakra abakɔsɛm.
▪ Ɔkwan a wɔnam so di dwuma: Wobetwa suka kɛse bi de adan asubɔnten kɛse bi ani.
▪ Nkonimdifo no din: Wɔbɔ ne din bɛyɛ mfe 200 ansa na nkonimdi no aba, ne bɛyɛ mfe 130 ansa na wɔawo no.
▪ Nea efi mu ba: Hwɛ sɛnea beae no ne nea odi nkogu no awiei bɛba abɛyɛ.
Sɛ eyi nyinaa ba mu a, so ɛrema nkurɔfo nsusuw nneɛma afoforo a saa onipa yi aka wɔ daakye ho no ho anaa?
Nea yɛaka ho asɛm wɔ ha no bae ankasa wɔ Babilon asehwe a Mediafo ne Persiafo ma ɛbae no ho. Bɛyɛ mfe 200 ansa na eyi reba no, Bible mu diyifo Yesaia ka siei:
▪ Asraafo akodi kɛse: Medo-Persia ne Babilon.—Yesaia 13:17, 19.
▪ Anifere kwan a wɔnam so dii dwuma: Wɔmaa asubɔnten a ɛbɔ kurow no ho ban yowee; na wɔhyɛn kurow a wɔato afasu atwa ho ahyia no apon kɛse mu.—Yesaia 44:27-45:2.
▪ Nkonimdifo no din: Kores a ofi Persia.—Yesaia 45:1.
▪ Nea ebefi mu aba: Da bi akyi no Babilon bɛdan amamfo koraa.—Yesaia 13:17-22.
Esiane sɛ nkɔmhyɛ ahorow yi nyinaa baa mu nti, so wubebu Bible mu nkɔmhyɛ afoforo nso sɛ ɛyɛ nokware?
Bible mu nkɔmhyɛ afoforo pii wɔ hɔ a aba mu pɛpɛɛpɛ.a Sɛ nhwɛso no, na ɛsɛ sɛ Yesu ma nkɔmhyɛ ahorow pii nya mmamu na wafata sɛ Mesia—na ɔma ɛbaa mu nso. Nhoma Archaeology and Bible History, a Professor J. P. Free kyerɛwee no ka eyi wɔ Yesu Kristo ho sɛ: “Sɛ́ saa nkɔmhyɛ ahorow yi nyinaa nya mmamu wɔ onipa biako mu no yɛ nwonwa araa ma ɛda no adi sɛ na ɛrentumi nyɛ nsɛm bi a nkurɔfo fi nyansa mu bɔɔ wɔn tirim kekae ara kwa.” Ɛnde, ɛda adi pefee sɛ, ɛdefa Yesu sɛ Mesia no ho no, Yehowa kaa nea ɛbɛba daakye kyerɛe Nanso, so Bible mu nkɔmhyɛ betumi aboa yɛn mprempren?
Nkɔmhyɛ Ne Mprempren
Boa a ɛbɛboa yɛn ma yɛate daakye ase akyi no, Bible nkɔmhyɛ boa yɛn ma yetumi gyina mprempren tebea horow ano. Ɔkwan bɛn so? Wiɛ, ɛnam Bible mu nkɔmhyɛ horow a ɛfa mmere a atwam ho so na yɛte mprempren de ase. Na nea enti a wiase nsɛm tebea ayɛ sɛnea ɛte yi ho ntease a yebenya no boa kɛse ma yetumi gyina ano.
Mfeha dunkron a atwam ni no, Bible no kaa nneɛma ne wiase tebea horow a yɛahu wɔ yɛn awo ntoatoaso yi mu no ho asɛm siei. Awo ntoatoaso a ɛwɔ hɔ wɔ afe 1914 mu no ahu mmamu yi wɔ nneɛma te sɛ wiase akodi, asasewosow ahorow, ɔkɔm a aba wiase nyinaa, ɔyaredɔm, amumɔyɛ a ɛkɔ anim ne ehu kɛse mu. (Luka 21:10, 11) Nea ɛka ho no, “ɔdɔ a enni hɔ” ne “wɔn a wɔdɔ anigyede sen Nyankopɔn” ma aguamammɔ ne, babaso, yafunu a wotu gu ne awaregu pii kɔ so.—2 Timoteo 3:1-5.
Ɛnyɛ ka ara nko na Bible no ka saa nsɛm yi sie ma yɛn bere yi, na mmom ɛkyerɛ nea ɛbɛma afi hɔ no nso—Yehowa Ahenni.
Bible nkɔmhyɛ, te sɛ akanea no, betumi akyerɛ yɛn kwan akɔ daakye a eye mu, sɛ yedi n’akwankyerɛ akyi a. Ɔsomafo Petro tuu fo sɛ: “Yɛwɔ adiyifo asɛm a egyina hɔ pintinn kyɛn sa, ɛno na sɛ mohwɛ yiye sɛ ɔkanea a ɛharan baabi a ɛhɔ yɛ kusuu.” (2 Petro 1:19) So wubesusuw Bible nkɔmhyɛ ho yiye? Yehowa Adansefo ani begye sɛ wɔbɛ boa. Sɛ, ‘woyɛ aso’ ma Bible nkɔmhyɛ a, wo daakye betumi ayɛ nea ɛde mfaso horow a enni awiei bɛba.
[Ase hɔ nsɛm]
a Sɛnea ɛbɛyɛ na woanya ho nsɛm foforo no, hwɛ Is the Bible Really the Word of God? a Ɔwɛn Aban Bible ne Nhomawa Asafo a ɛwɔ New York yɛe no mu.
Hwɛ, monyɛ hwee, na mo nneyɛe yɛ adehuhuw;akyide ne nea ɔfa mo.”—Yesaia 41:21-24.
[Kratafa 5 mfoni]
FI EYI MU. . . KƆ EYI MU
“Ɔma akodi gyae kosi asase ano.”—Dwom 46:9
[Kratafa 6 mfoni]
FI EYI KƆ EYI MU
“Wobegu abɔnefo ase ofi asase so.” “Ɔtreneeni besi frɔmm.”—Mmebusɛm 2:22; Dwom 72:7
[Kratafa 7 mfoni]
FI EYI MU . . . KƆ EYI MU
“[Yehowa] bɛpopa ani nyinaa so nusu.”—Yesaia 25:8