Mateo 18:6 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 6 Nanso obiara a ɔbɛto nkumaa a wogye me di yi mu biako hintidua no, anka eye ma no mmom sɛ wɔde owiyammo+ a afurum twe bɛsɛn ne kɔn mu de no akɔto po mfinimfini.+ Romafo 14:21 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 21 Eye sɛ wunni nam, anaasɛ wonnom nsa anaasɛ wonyɛ biribiara a ɛbɛto wo nua hintidua.+ 2 Korintofo 11:29 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 29 Hena na ɔyɛ mmerɛw+ a menyɛ mmerɛw bi? Hena na wɔto no hintidua a ɛnhyɛ me abufuw?
6 Nanso obiara a ɔbɛto nkumaa a wogye me di yi mu biako hintidua no, anka eye ma no mmom sɛ wɔde owiyammo+ a afurum twe bɛsɛn ne kɔn mu de no akɔto po mfinimfini.+