Yohane 1:17 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 17 Esiane sɛ wɔnam Mose so na wɔde Mmara no mae+ nti, wɔnam Yesu Kristo so na wɔde adom+ ne nokware+ mae. Romafo 3:24 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 24 na ɛyɛ akyɛde+ ara kwa sɛ wɔnam Kristo Yesu agyede+ no so abu wɔn bem wɔ n’adom+ mu. Romafo 5:15 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 15 Na ɛnyɛ sɛnea mfomso no te no na akyɛde no nso te, efisɛ sɛ obiakofo bɔne nti na nnipa bebree wui a, ɛnde Onyankopɔn adom ne n’akyɛde abu so akyɛn so ama nnipa bebree. Na wɔde akyɛde yi ne adom no nam onipa biako,+ Yesu Kristo, so ama.+ Efesofo 3:7 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 7 Mebɛyɛɛ eyi ho somfo+ sɛnea Onyankopɔn dom akyɛde te; nea wɔde maa me sɛnea ne tumi yɛ adwuma+ no.
17 Esiane sɛ wɔnam Mose so na wɔde Mmara no mae+ nti, wɔnam Yesu Kristo so na wɔde adom+ ne nokware+ mae.
15 Na ɛnyɛ sɛnea mfomso no te no na akyɛde no nso te, efisɛ sɛ obiakofo bɔne nti na nnipa bebree wui a, ɛnde Onyankopɔn adom ne n’akyɛde abu so akyɛn so ama nnipa bebree. Na wɔde akyɛde yi ne adom no nam onipa biako,+ Yesu Kristo, so ama.+