Romafo 3:20 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 20 Enti wɔremfa mmara nnwuma mmu ɔhonam biara bem+ n’anim, efisɛ mmara+ na ɛma wohu bɔne yiye.+ Romafo 4:15 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 15 Nokwarem no, Mmara no de abufuw ba,+ nanso nea mmara nni no, mmarato biara nso nni hɔ.+ Romafo 7:12 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 12 Enti Mmara no ankasa yɛ kronkron,+ na mmara asɛm no yɛ kronkron, ɛteɛ,+ na ɛyɛ papa.+ Romafo 7:14 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 14 Na yenim sɛ Mmara no yɛ honhom+ mu ade; na me de, meyɛ ɔhonam muni a wɔatɔn me ahyɛ bɔne ase.+