Leviticus 9:7 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 7 Mose ka kyerɛɛ Aaron sɛ: “Kɔ afɔremuka no ho kɔbɔ bɔne ho afɔre+ ne ɔhyew afɔre fa pata+ ma wo ho ne wo fiefo. Afei fa ɔman no afɔrebɔde+ no bɔ afɔre pata+ ma wɔn, sɛnea Yehowa ahyɛ no.” Leviticus 16:6 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 6 “Aaron mfa nantwinini a ɔde bae no mmɔ bɔne ho afɔre mma ne ho,+ na ɔmpata+ mma ne ho ne ne fie.+ Malaki 2:7 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 7 Ɛsɛ sɛ ɔsɔfo ano kora nimdeɛ na nnipa hwehwɛ mmara fi n’anom,+ efisɛ ɔyɛ asafo Yehowa bɔfo.+
7 Mose ka kyerɛɛ Aaron sɛ: “Kɔ afɔremuka no ho kɔbɔ bɔne ho afɔre+ ne ɔhyew afɔre fa pata+ ma wo ho ne wo fiefo. Afei fa ɔman no afɔrebɔde+ no bɔ afɔre pata+ ma wɔn, sɛnea Yehowa ahyɛ no.”