27 a Onyankopɔn ani agye ho sɛ ɔbɛma wɔahu ahintasɛm kronkron+ yi anuonyam ahonya+ wɔ amanaman no mu no. Ɛne Kristo+ a ɔwɔ mo mu no, n’anuonyam ho anidaso no.+
16 Nokwarem no, onyamesom pa ho ahintasɛm kronkron+ yi sõ: ‘Woyii no adi ɔhonam mu,+ wobuu no bem honhom mu,+ oyii ne ho adi kyerɛɛ abɔfo,+ wɔkaa ne ho asɛm amanaman+ mu, wogyee no dii wɔ wiase,+ wogyee no kɔɔ ɔsoro anuonyam mu.’+