1 Korintofo 13:11 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 11 Meyɛ akokoaa no, mekasae sɛ akokoaa, midwen sɛ akokoaa, misusuw nsɛm ho sɛ akokoaa; na afei a mayɛ ɔpanyin+ yi, mayi nkokoaa su no afi hɔ. 1 Korintofo 14:20 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 20 Anuanom, monnyɛ nsɛm ho ntease mu mmofra,+ na mmom monyɛ bɔne mu nkokoaa;+ ne nyinaa mu no, monyɛ nnipa a wɔanyin nsɛm ho ntease mu.+ Efesofo 4:13 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 13 akosi sɛ yɛn nyinaa bɛyɛ biako wɔ gyidi ne Onyankopɔn Ba no ho nokware nimdeɛ mu, ayɛ ɔbarima a wanyin awie+ adi mũ sɛnea Kristo a ɔne susude a ɛyɛ pɛ no te;+ Filipifo 3:16 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 16 Sɛnea ɛte biara no, baabi a yɛanya nkɔso akodu no, momma yɛnkɔ so nnantew pɛpɛɛpɛ+ wɔ saa kwan yi ara so. Hebrifo 5:14 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 14 Nanso aduan a ɛyɛ den yɛ wɔn a wɔn ho akokwaw no dea, wɔn a wɔde wɔn adwene+ yɛ adwuma nti wɔatete no ma etumi hu papa ne bɔne mu nsonsonoe.+
11 Meyɛ akokoaa no, mekasae sɛ akokoaa, midwen sɛ akokoaa, misusuw nsɛm ho sɛ akokoaa; na afei a mayɛ ɔpanyin+ yi, mayi nkokoaa su no afi hɔ.
20 Anuanom, monnyɛ nsɛm ho ntease mu mmofra,+ na mmom monyɛ bɔne mu nkokoaa;+ ne nyinaa mu no, monyɛ nnipa a wɔanyin nsɛm ho ntease mu.+
13 akosi sɛ yɛn nyinaa bɛyɛ biako wɔ gyidi ne Onyankopɔn Ba no ho nokware nimdeɛ mu, ayɛ ɔbarima a wanyin awie+ adi mũ sɛnea Kristo a ɔne susude a ɛyɛ pɛ no te;+
16 Sɛnea ɛte biara no, baabi a yɛanya nkɔso akodu no, momma yɛnkɔ so nnantew pɛpɛɛpɛ+ wɔ saa kwan yi ara so.
14 Nanso aduan a ɛyɛ den yɛ wɔn a wɔn ho akokwaw no dea, wɔn a wɔde wɔn adwene+ yɛ adwuma nti wɔatete no ma etumi hu papa ne bɔne mu nsonsonoe.+