12 Ɛno nti mɛma wanya kyɛfa wɔ nnipa pii mu+ na ɔne nnɔmmarima akyɛ asade,+ efisɛ ɔde ne kra maa owu,+ na wɔkan no fraa mmaratofo.+ Ɔno na ɔsoaa nnipa pii bɔne,+ na odi maa mmaratofo.+
24 Ɔno ara na ɔsoaa yɛn bɔne+ wɔ n’ankasa honam mu wɔ dua+ no so sɛnea ɛbɛyɛ a wobegye yɛn afi bɔne mu+ na yɛatena ase ama trenee. Na “ɛnam n’atape so na wɔsaa mo yare.”+