25 Na nea Yehowa aka ni: “Ɔdɔmmarima nkoa mpo, wobegye afi ne nsam,+ na wɔn a otirimɔdenfo afa wɔn no beguan.+ Nea ɔne wo di asi no, me ne no bedi asi,+ na me ara megye wo mma.+
44 “Na ahene no nna no mu no,+ ɔsoro Nyankopɔn+ bɛma ahenni bi so.+ Wɔrensɛe no da,+ na wɔrennyaw ahenni no mma ɔman foforo biara.+ Ebebubu ahenni horow no nyinaa ama asã,+ na ɛno de, ebegyina daa;+
18 na woabue wɔn aniwa,+ adan wɔn afi esum+ mu aba hann+ mu, na wɔafi Satan tumi+ mu aba Onyankopɔn nkyɛn, na wɔanya bɔne fafiri+ ne agyapade+ wɔ wɔn a wɔnam me mu gyidi so atew+ wɔn ho no mu.’