7 N’ahenni+ mu bɛtrɛw na asomdwoe a enni awiei+ bɛba Dawid ahengua+ so ne n’ahenni so, na ɔde atɛntrenee+ ne trenee+ bɛwowaw+ n’ahenni ma atim fi sesɛɛ akosi daa. Asafo Yehowa nnamyɛ na ɛbɛyɛ eyi.+
25 Na wɔbɛtena asase a mede maa m’akoa Yakob a mo agyanom tenaa so+ no so; wɔne wɔn mma ne wɔn mma mma bɛtena so daa,+ na m’akoa Dawid bɛyɛ wɔn obirɛmpɔn daa.+
14 Ɔno na wɔde tumi+ ne anuonyam+ ne ahenni+ maa no sɛ aman, nkurɔfo ne kasa horow nyinaa nsom no.+ Ne tumi yɛ daa tumi a ɛrentwam da, na n’ahenni yɛ nea wɔrensɛe no da.+
7 Wɔn a wɔtɔ gu wɔn nan so no, mɛkora wɔn so sɛ nkaefo,+ na wɔn a wɔapam wɔn kɔ akyirikyiri no mɛyɛ wɔn ɔman kɛse.+ Na Yehowa bedi wɔn so hene wɔ Bepɔw Sion so fi nnɛ akosi daa.+
15 Na ɔbɔfo a ɔto so ason no hyɛn ne torobɛnto+ no. Na nne akɛse gyigyee soro sɛ: “Wiase ahenni ayɛ yɛn Awurade+ ne ne Kristo+ no dea, na obedi hene daa daa.”+