5 Mepɛ sɛ misi ofie ma Yehowa me Nyankopɔn din+ sɛnea Yehowa hyɛɛ me papa Dawid bɔ yi sɛ, ‘Wo ba a mede no bɛtena w’ahengua so asi w’ananmu no, ɔno na obesi ofie ama me din.’+
12 “Ofie a woresi yi ho de, sɛ wonantew m’ahyɛde+ mu na woyɛ m’atemmusɛm+ na wudi me mmara nsɛm nyinaa so na wonantew mu+ a, me nso mɛma wo ho asɛm a meka kyerɛɛ wo papa Dawid no nyinaa aba mu;+
6 na Kristo de, odii Onii no fie so nokware sɛ Ɔba.+ Onii no fie no ne yɛn,+ nanso gye sɛ yeso nnamyɛ a yɛde kasa ne anidaso a yɛde hoahoa yɛn ho no mu pintinn kosi ase.+
5 na mo ankasa nso, wɔde mo resi honhom mu ofie+ sɛ abo a ɛte ase ama moabɛyɛ asɔfokuw kronkron, na moabɔ honhom mu afɔre+ a ɛsɔ Onyankopɔn ani afa Yesu Kristo so.+