Yohane 8:56 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 56 Mo agya Abraham dii anidaso a na ɔwɔ sɛ obehu me da no mu ahurusi,+ na ohu dii ahurusi.”+ Hebrifo 13:14 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 14 efisɛ yenni kurow a ɛtena hɔ daa wɔ ha,+ na mmom nea ɛreba no na yɛhwɛ kwan denneennen.+ Adiyisɛm 21:2 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 2 Afei nso mihuu kurow kronkron,+ Yerusalem Foforo no, sɛ efi Onyankopɔn nkyɛn wɔ ɔsoro+ resian a wɔasiesie no sɛ ayeforo+ a wɔahyehyɛ no ama ne kunu.+
2 Afei nso mihuu kurow kronkron,+ Yerusalem Foforo no, sɛ efi Onyankopɔn nkyɛn wɔ ɔsoro+ resian a wɔasiesie no sɛ ayeforo+ a wɔahyehyɛ no ama ne kunu.+