Dwom 34:14 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 14 Twe wo ho fi bɔne ho na yɛ papa;+Hwehwɛ asomdwoe na di akyi.+ Romafo 12:18 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 18 Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, mo fam de, mo ne nnipa nyinaa ntena asomdwoe+ mu. Romafo 14:19 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 19 Enti afei momma yenni nneɛma a ɛde asomdwoe+ ba, ne nneɛma a ɛhyɛ yɛn den+ akyi. 2 Timoteo 2:22 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 22 Enti, guan mmerantebere mu akɔnnɔ,+ na mmom di trenee,+ gyidi, ɔdɔ ne asomdwoe+ akyi, wo ne wɔn a wofi koma a emu tew+ mu frɛ Awurade no.
22 Enti, guan mmerantebere mu akɔnnɔ,+ na mmom di trenee,+ gyidi, ɔdɔ ne asomdwoe+ akyi, wo ne wɔn a wofi koma a emu tew+ mu frɛ Awurade no.