Leviticus 11:44 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 44 Mene Yehowa mo Nyankopɔn;+ montew mo ho na monyɛ kronkron,+ efisɛ meyɛ kronkron.+ Enti mommfa mmoa a wɔwea fam nngu mo kra ho fĩ. Leviticus 19:2 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 2 “Ka kyerɛ Israel asafo nyinaa sɛ, ‘Monyɛ kronkron,+ efisɛ me Yehowa mo Nyankopɔn, meyɛ kronkron.+ Leviticus 20:26 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 26 Monyɛ kronkron,+ efisɛ me Yehowa meyɛ kronkron,+ na meretew mo afi aman a aka no ho de mo ayɛ m’agyapade.+ Deuteronomium 23:14 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 14 Hwɛ, Yehowa wo Nyankopɔn nam wo nsraban mu sɛ obegye wo+ na ɔde w’atamfo ahyɛ wo nsa.+ Enti ma wo nsraban mu nyɛ kronkron+ na wammehu atantanne biara wɔ wo mfinimfini na wantwe ne ho amfi wo ho.+
44 Mene Yehowa mo Nyankopɔn;+ montew mo ho na monyɛ kronkron,+ efisɛ meyɛ kronkron.+ Enti mommfa mmoa a wɔwea fam nngu mo kra ho fĩ.
26 Monyɛ kronkron,+ efisɛ me Yehowa meyɛ kronkron,+ na meretew mo afi aman a aka no ho de mo ayɛ m’agyapade.+
14 Hwɛ, Yehowa wo Nyankopɔn nam wo nsraban mu sɛ obegye wo+ na ɔde w’atamfo ahyɛ wo nsa.+ Enti ma wo nsraban mu nyɛ kronkron+ na wammehu atantanne biara wɔ wo mfinimfini na wantwe ne ho amfi wo ho.+