Yakobo 4:7 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 7 Ne saa nti mommrɛ mo ho ase+ nhyɛ Onyankopɔn ase; munsiw Ɔbonsam kwan+ na obeguan afi mo ho.+ 1 Yohane 5:19 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 19 Yenim sɛ yefi Onyankopɔn,+ nanso wiase nyinaa da ɔbɔnefo no tumi mu.+ Adiyisɛm 12:11 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 11 Na wodii no so nkonim+ esiane Oguammaa+ no mogya ne wɔn adansedi+ asɛm no nti, na ɛba sɛ wobewu mpo a, na wɔnnɔ wɔn kra.+
11 Na wodii no so nkonim+ esiane Oguammaa+ no mogya ne wɔn adansedi+ asɛm no nti, na ɛba sɛ wobewu mpo a, na wɔnnɔ wɔn kra.+