24 Na atoro Kristo+ ne atoro adiyifo+ bɛsɔre, na wɔbɛyɛ nsɛnkyerɛnne+ akɛse ne anwonwade sɛnea ɛbɛyɛ a sɛ ɛbɛyɛ yiye a, wɔbɛdaadaa wɔn a wɔapaw wɔn no+ mpo.
2Nanso atoro adiyifo nso sɔree wɔn mu sɛnea akyerɛkyerɛfo atorofo bɛsɔre mo mu no.+ Eyinom bewiawia wɔn ho de fekusɛm a edi awu aba na wɔbɛpa wɔn wura a ɔtɔɔ wɔn no mpo,+ na wɔn ankasa de ɔsɛe bɛba wɔn ho so ntɛm.