Yesaia 42:9 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 9 “Nea edi kan no aba mu,+ na mereka nsɛm foforo. Merema moate ansa na afi adi.”+ Kwadwom 5:21 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 21 O Yehowa, san fa yɛn bra+ wo nkyɛn, na yɛbɛsan aba dodo. Ma yɛn nna nyɛ foforo sɛ tete no.+ Hesekiel 36:26 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 26 Mɛma mo koma foforo+ na mede honhom foforo ahyɛ mo mu,+ na meyi ɔbo koma afi mo honam mu na mama mo koma a ɛyɛ mmerɛw.+ 2 Petro 3:13 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 13 Na sɛnea ne bɔhyɛ te no, yɛretwɛn ɔsoro foforo+ ne asase foforo,+ na eyi mu na trenee bɛtena.+
26 Mɛma mo koma foforo+ na mede honhom foforo ahyɛ mo mu,+ na meyi ɔbo koma afi mo honam mu na mama mo koma a ɛyɛ mmerɛw.+