29 sɛ montwe mo ho mfi nneɛma a wɔde abɔ afɔre ama abosom+ ne mogya+ ne mmoa a wɔakum wɔn a wɔanhwie wɔn mogya angu+ ne aguamammɔ+ ho. Sɛ motwe mo ho koraa fi eyinom ho+ a, ebesi mo yiye. Asomdwoe nka mo!”
11 Na afei merekyerɛw mo sɛ, mo ne obi a wɔfrɛ no onua a ɔyɛ oguamammɔfo anaa odifudepɛfo+ anaa ɔbosonsonni anaa obi a ɔsopa afoforo anaa ɔsabofo+ anaa ɔpoobɔfo mmmɔ,+ na mo ne saa nipa no nnnidi mpo.