Dwom 99:1 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 99 Yehowa afi ase redi hene.+ Momma amanaman no ho mpopo.+Ɔte kerubim so.+ Momma asase nhinhim.+ Sakaria 14:9 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 9 Na Yehowa bedi hene wɔ asase nyinaa so.+ Saa da no, Yehowa bɛyɛ biako+ na ne din ayɛ biako.+ Adiyisɛm 19:6 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 6 Na metee nne bi a ɛte sɛ nnipakuw kɛse bi nne ne nsu pii ne aprannaa a ano yɛ den nnyigyei. Wɔkae sɛ: “Munyi Yah ayɛ,+ efisɛ Yehowa yɛn Nyankopɔn, ade nyinaa so Tumfoɔ+ no afi ase redi hene.+
6 Na metee nne bi a ɛte sɛ nnipakuw kɛse bi nne ne nsu pii ne aprannaa a ano yɛ den nnyigyei. Wɔkae sɛ: “Munyi Yah ayɛ,+ efisɛ Yehowa yɛn Nyankopɔn, ade nyinaa so Tumfoɔ+ no afi ase redi hene.+