12“Saa bere no, Mikael,+ ɔsafohene+ kɛse a ogyina hɔ+ ma wo man+ mma no bɛsɔre agyina. Na ahohia a efi bere a ɔman bae ebi mmae da bɛba.+ Saa bere no, wo manfo benya wɔn ti adidi mu,+ obiara a wɔakyerɛw ne din wɔ nhoma no mu no.+
5 Enti nea odi nkonim+ no wɔde ntade nguguso fitaa bɛhyɛ no;+ na merempopa ne din mfi nkwa nhoma no mu da,+ na mmom mɛbɔ ne din wɔ m’Agya+ ne n’abɔfo anim.+
27 Nanso adehunu biara ne obiara a ɔkɔ so yɛ akyide+ bi anaa otwa nkontompo+ no remma mu da,+ gye wɔn a wɔakyerɛw wɔn din wɔ Oguammaa no nkwa nhoma no mu no nkutoo.+