21 Afei Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Sɛ wukodu Egypt a, anwonwade a mama wo tumi sɛ yɛ wɔ Farao anim no, hwɛ sɛ wobɛyɛ ne nyinaa.+ Nanso mɛma kwan ama ne koma apirim,+ na ɔremma nkurɔfo no nkɔ.+
31 Enti Yehowa yɛɛ nea Mose bisae no, na ahurii no fii Farao ne ne nkoa ne ne manfo so kɔe; baako mpo anka. 32 Nanso Farao pirim ne koma saa bere yi nso, na wamma nkurɔfo no kwan ankɔ.
17 Na me de, mɛma kwan ama Egyptfo no apirim wɔn koma na wɔatiw Israelfo no, na mede Farao, n’asraafodɔm, ne nteaseɛnam, ne ne nkurɔfo a wɔtete apɔnkɔ so bɛhyɛ me ho anuonyam.+