Exodus 7:3 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 3 Nanso mɛma kwan ama Farao koma apirim,+ na mɛyɛ nsɛnkyerɛnne ne anwonwade bebree wɔ Egypt asaase so.+ Exodus 8:15 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 15 Bere a Farao hui sɛ ahotɔ aba no, opirim ne koma,+ na sɛnea na Yehowa aka no, wantie wɔn. Exodus 9:12 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 12 Nanso Yehowa maa kwan maa Farao pirim ne koma, na sɛnea na Yehowa aka akyerɛ Mose no, wantie wɔn.+ Exodus 11:10 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 10 Mose ne Aaron yɛɛ anwonwade yi nyinaa wɔ Farao anim,+ nanso Yehowa maa Farao kwan ma opirim ne koma, enti wamma Israelfo no amfi n’asaase so ankɔ.+ Romafo 9:17, 18 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 17 Efisɛ Kyerɛwnsɛm no ka kyerɛɛ Farao sɛ: “Nea enti a mama woda so te ase ni: mepɛ sɛ mefa wo so da me tumi adi, na mema nkurɔfo bɔ me din asaase nyinaa so.”+ 18 Enti nea ɔpɛ na ohu no mmɔbɔ, na nea ɔpɛ nso na ɔma osen ne kɔn.+
3 Nanso mɛma kwan ama Farao koma apirim,+ na mɛyɛ nsɛnkyerɛnne ne anwonwade bebree wɔ Egypt asaase so.+
12 Nanso Yehowa maa kwan maa Farao pirim ne koma, na sɛnea na Yehowa aka akyerɛ Mose no, wantie wɔn.+
10 Mose ne Aaron yɛɛ anwonwade yi nyinaa wɔ Farao anim,+ nanso Yehowa maa Farao kwan ma opirim ne koma, enti wamma Israelfo no amfi n’asaase so ankɔ.+
17 Efisɛ Kyerɛwnsɛm no ka kyerɛɛ Farao sɛ: “Nea enti a mama woda so te ase ni: mepɛ sɛ mefa wo so da me tumi adi, na mema nkurɔfo bɔ me din asaase nyinaa so.”+ 18 Enti nea ɔpɛ na ohu no mmɔbɔ, na nea ɔpɛ nso na ɔma osen ne kɔn.+