2 “Sɛ biribi tɔ obi honam* ani na ɛhyɛ nsu anaa ɛhɔ twintwam anaa ɛsoa na edidi ne honam mu ma ɛbɛyɛ sɛ kwata*+ a, ɛsɛ sɛ wɔde no ba ɔsɔfo Aaron anaa ne mma a wɔyɛ asɔfo no mu baako anim.+
4 Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Hwɛ na woanka ankyerɛ obiara;+ mmom kɔ na fa wo ho kɔkyerɛ ɔsɔfo no,+ na fa akyɛde* a Mose hyɛ too hɔ no ma,+ na ayɛ adanse ama wɔn.”
44 “Hwɛ na woanka ho asɛm ankyerɛ obiara, na mmom kɔ na fa wo ho kɔkyerɛ ɔsɔfo no. Na esiane sɛ wo ho atɔ wo nti,* fa afɔrebɔde a Mose kyerɛe no+ ma asɔfo no, na ayɛ adanse ama wɔn.”+
14 Ɛnna ɔhyɛɛ ɔbarima no sɛ ɔnnka nnkyerɛ obiara. Ɔka kaa ho sɛ: “Mmom kɔ na fa wo ho kɔkyerɛ ɔsɔfo no, na esiane sɛ wo ho atɔ wo nti,* fa afɔrebɔde a Mose kyerɛe no+ ma asɔfo no, na ayɛ adanse ama wɔn.”+