-
Numeri 28:26-31Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
26 “‘Na sɛ moredi mo Nnawɔtwe Afahyɛ no+ a, da a motew mo aba a edi kan no,+ sɛ mode hwiit* foforo no bi rebɛbɔ aduan afɔre ama Yehowa a,+ monyɛ nhyiam kronkron. Ɛnsɛ sɛ moyɛ adwumaden biara.+ 27 Momfa anantwinini nkumaa abien ne odwennini baako ne adwennini nkumaa ason a wɔn mu biara adi afe mmɔ ɔhyew afɔre huamhuam* mma Yehowa.+ 28 Momfa esiam muhumuhu a wɔde ngo afra nka ho mmɔ ɛho aduan afɔre; momfa nkyem du mu abiɛsa nka nantwinini biara ho, na momfa nkyem du mu abien nka odwennini no ho mmɔ aduan afɔre. 29 Momfa nkyem du mu baako nka adwennini nkumaa ason no mu biara ho. 30 Afei nso, momfa apɔnkye ba baako mmɔ afɔre mpata mma mo bɔne.+ 31 Momfa nka ɔhyew afɔre a mobɔ no daa ne ɛho aduan afɔre no ho. Ɛsɛ sɛ mmoa no yɛ mmoa a wɔte apɔw;+ momfa ɛho nsã afɔre no nka ho.
-